3 Ɛno akyi no, Hiob buee n’ano, na ɔdomee ne da.+ 2 Nea Hiob kae ni:
3 “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,+
Ɛne anadwo a obi kae sɛ, ‘Wɔanyinsɛn ɔbabarima’ no!
4 Saa da no, ma ɛnnan sum.
Mma Onyankopɔn mmfi soro nnhwehwɛ akyi kwan,
Mma adekyee hann nso nnhyerɛn wɔ so.
5 Ma esum ne esum kabii nnye mfa.
Ma omununkum ntena so.
Ma nea ɛma adekyee duru sum nhunahuna no.+
6 Saa anadwo no—ma esum kabii mfa;+
Mma ennnya anigye wɔ afe nna no mu;
Mma wɔnnkan mmfra asram dodow no.
7 Hwɛ! Saa anadwo no—ma ɛnyɛ obonin;
Mma wɔnnto ahurusi dwom biara wom.+
8 Ma wɔn a wɔdome ɛda mmɔ no dua,
Wɔn a wɔhwanyan ɔdɛnkyɛm+ no.
9 Ma ahemadakye nsoromma nnuru sum;
Ma ɛntwɛn hann nanso mma ɛmmma;
Mma adekyee hann mmpue wɔ so.
10 Efisɛ antoto me maame yafunu apon mu,+
Enti anyi ɔhaw amfi m’ani so.
11 Dɛn nti na manwu ɔyafunu mu?+
Dɛn nti na mifi yafunu mu reba no, mannyaa mu?
12 Dɛn nti na nkotodwe behyiaa me,
Na minyaa nufu+ numii?
13 Anka saa bere yi mada ma me ho adwo me;+
Anka mada; anka meregye m’ahome;+
14 Me ne ahene ne asase so afotufo,+
Wɔn a wɔkyekye amamfõ fa,+
15 Anaa me ne atitiriw a wɔwɔ sika,
Wɔn a wɔde dwetɛ hyehyɛ wɔn afie mã;
16 Anaa te sɛ ɔba a wɔapɔn no ahintawee mu+ no, anka mamma,
Te sɛ nkokoaa a wɔanhu hann da.+
17 Ɛhɔ na nnebɔneyɛfo haw nni bio,+
Ɛhɔ na wɔn a wɔn ahoɔden asa home.+
18 Nneduafo nyinaa te hɔ dwoodwoo;
Wɔnte nea opiapia wɔn kɔ adwuma+ no nne.
19 Ɛhɔ na nnipa akɛse ne nketewa nyinaa yɛ pɛ,+
Na akoa ade ne ho afi ne wura nsam.
20 Dɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔmanehunufo,
Na ɔde nkwa ma wɔn a wɔn kra abotow?+
21 Dɛn nti na ebinom twɛn owu nanso ɛmma,+
Bere a wɔbɔre hwehwɛ no kyɛn akorade a ahintaw?
22 Wɔn a wɔn ani gye boro so no,
Wonya anigye kɛse efisɛ wonya ɔdamoa.
23 Dɛn nti na Onyankopɔn de hann ma ɔbarima a wɔde ne kwan ahintaw,+
A Onyankopɔn aka no ahyem?+
24 M’aduan anim na migu ahome,+
M’apinisi hwie sɛ nsu;+
25 Akomatusɛm a misuro no, ɛno na ɛba me so;
Na nea ɛyɛ me hu na ɛto me.+
26 M’asom nnwoo me, na me ho ntɔɔ me,
Minnyaa ɔhome, nanso ahoyeraw ba ara.”