8 Ɔdesani biara nni ne honhom so tumi a ɔde besiw honhom+ no kwan; saa ara nso na obiara nni owuda so tumi;+ na ahofadi biara nni akodi no mu.+ Amumɔyɛde nso ntumi nnye amumɔyɛfo nkwa.+
2 Nnipa nyinaa yɛ pɛ, na ade koro na wɔn nyinaa wɔ.+ Awiei koro+ na ɛda hɔ ma ɔtreneeni+ ne ɔdebɔneyɛfo,+ onipa pa ne ɔhotefo ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre nyinaa. Onipa pa ne ɔdebɔneyɛfo nyinaa yɛ pɛ;+ nea ɔka ntam ne nea osuro ntanka+ nso yɛ pɛ.