Dwom 9:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nnebɔneyɛfo+ bɛsan akɔ Adamoa* mu,+Aman a wɔn werɛ afi Onyankopɔn no nyinaa.+ Dwom 52:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Onyankopɔn bedwiriw wo agu afebɔɔ;+Ɔbɛbɔ wo ahwe fam, na ɔbɛtew wo afi wo ntamadan ho;+Obetutu w’ase afi ateasefo asase so.+ Sela. Mmebusɛm 14:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Omumɔyɛfo bɔne nti, wobesum no akyene,+ na ɔtreneeni benya guankɔbea wɔ ne mũdi* mu.+ Yesaia 28:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Apam a mo ne Owu yɛe no begu,+ na anisoadehu a mo ne Adamoa nyae no rennyina.+ Sɛ nea eyiri sram so no retwam+ a, ebetwiw afa mo so.+
5 Onyankopɔn bedwiriw wo agu afebɔɔ;+Ɔbɛbɔ wo ahwe fam, na ɔbɛtew wo afi wo ntamadan ho;+Obetutu w’ase afi ateasefo asase so.+ Sela.
18 Apam a mo ne Owu yɛe no begu,+ na anisoadehu a mo ne Adamoa nyae no rennyina.+ Sɛ nea eyiri sram so no retwam+ a, ebetwiw afa mo so.+