Dwom 55:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+ Mmebusɛm 12:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nokware ano+ na ebetim,+ na atoro tɛkrɛma de, ɛrenni gyina.+ Mmebusɛm 15:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Yehowa bedwiriw ahantanfo fie,+ na ɔbɛma okunafo hye atim.+ Mmebusɛm 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔdansekurumfo remfa ne ho nni,+ na nea ɔkeka atosɛm bɛyera.+
23 Na wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+Mogyapɛfo ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+Na me de, mede me ho bɛto wo so.+