Deuteronomium 10:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ɔno na obu atɛn ma nnyanka ne akunafo,+ na ɔdɔ ahɔho+ ma wɔn aduan ne nkataho. Dwom 146:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa na ɔwɛn ɔhɔho;+Ɔno na odi boa agyanka ne okunafo,+Na nnebɔneyɛfo kwan+ de, ɔkyea no.+