Nnwom Ɔsoro-foro Dwom. 123 Wo na mama m’ani so akyerɛ wo,+Wo a wote ɔsoro no.+ 2 Hwɛ! Sɛnea nkoa aniwa hwɛ wɔn wura nsa,+Na mfenaa aniwa hwɛ wɔn awuraa nsa+ no,Saa ara na yɛn aniwa hwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn+Kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.+ 3 Dom yɛn, O Yehowa, dom yɛn,+Na animtiaabu amee yɛn dodo.+ 4 Wɔn a wɔn ho adwo wɔn no ama fɛwdi amee yɛn kra dodo,+Na ahantanfo nso ama animtiaabu amee yɛn.+