Ɔsoro-foro Dwom. Dawid dwom.
124 “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho a,”+
Momma Israel nka sɛ,+
2 “Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔka yɛn ho+
Bere a nnipa sɔre tiaa yɛn no a,+
3 Anka wɔbɛmemene yɛn animono,+
Bere a wɔn abufuw dɛw hyɛɛ yɛn no.+
4 Anka nsu na ɛbɛhohoro yɛn akɔ,+
Na asuten atwiw afa yɛn kra so.+
5 Anka ahantan nsu+
Betwiw afa yɛn kra so.
6 Nhyira nka Yehowa a wamfa yɛn+
Anhyɛ wɔn sẽ ntam sɛ hanam no.+
7 Yɛn kra te sɛ anomaa a watetew ne ho+
Afi ofirisumfo afiri mu.+
Afiri no abubu,+
Na yɛn nso yɛaguan.+
8 Yehowa din mu na yɛn mmoa wɔ,+
Ɔsoro ne asase Yɛfo no.”+