Maskil. Dawid dwom; bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no.+ Mpaebɔ.
142 Meteɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me;+
Misu mefrɛɛ Yehowa sɛ ɔnnom me.+
2 Mihwiee me dadwen guu n’anim daa,+
Na mekaa m’ahohia wɔ n’anim daa nyinaa+
3 Bere a me honhom+ tɔɔ piti wɔ me mu no.
Saa bere no na wunim m’akwan mu.+
Wɔasum afiri ahintaw me+
Wɔ ɔkwan a menam so no so.+
4 Hwɛ nifa so na wubehu
Sɛ obi nni hɔ a obu me ho akontaa.+
Baabi a meguan afa abɔ me;+
Obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ me kra akyi kwan.+
5 O Yehowa, misu mefrɛɛ wo sɛ boa me.+
Mekae sɛ: “Wone me guankɔbea,+
Me kyɛfa+ wɔ ateasefo asase so.”+
6 Tie me nkotɔsrɛ,+
Efisɛ mabotow yiye.+
Gye me fi m’ataafo nsam,+
Efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.+
7 Gye me kra fi afiase+
Na menkamfo wo din.+
Ma atreneefo ntwa me ho nhyia,+
Efisɛ wo ne me adi no yiye.+