Hiob 23:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɔno de, onim ɔkwan a menam so.+Sɛ ɔsɔ me hwɛ wie a, me ho befi sɛ sika.+ Dwom 1:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Efisɛ Yehowa nim treneefo kwan,+Na nnebɔneyɛfo kwan de, ɛbɛyera.+ Dwom 119:105 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 105 W’asɛm yɛ me nan ase kanea,+Ne me kwan so hann.+