Dwom. Kora mma+ ayeyi dwom.
48 Yehowa yɛ kɛse, na ɔfata ayeyi pii+
Yɛn Nyankopɔn kurow mu,+ wɔ ne bepɔw kronkron no so.+
2 Bepɔw so kurow fɛfɛ, asase nyinaa anika,+
Ne Bepɔw Sion, atifi fam nohoa,+
Ɔhenkɛse kurow no.+
3 Onyankopɔn ama wɔahu no wɔ kurow no aban mu sɛ abantenten.+
4 Hwɛ! Ahene yɛɛ nhyehyɛe hyiae,+
Wɔboom yuu twaam.+
5 Wohui; na wɔn ho dwiriw wɔn.
Ɛhaw wɔn, na wɔde ahopopo guanee.+
6 Wɔn ho wosow biribiribiri wɔ hɔ,+
Awoko yaw kaa wɔn sɛ ɔbea a ɔrewo.+
7 Wode apuei mframa bobɔ Tarsis ahyɛn.+
8 Sɛnea yɛate no, saa ara na yɛahu+
Wɔ asafo Yehowa kurow, yɛn Nyankopɔn kurow no mu.+
Onyankopɔn na ɔde betim hɔ afebɔɔ.+ Sela.
9 O Onyankopɔn, yɛadwinnwen w’adɔe ho+
Wɔ w’asɔrefie hɔ.+
10 O Onyankopɔn, sɛ́ wo din te no,+ saa ara na w’ayeyi
Kodu asase ano nohoa.
Trenee ahyɛ wo nsa nifa mã.+
11 Ma Bepɔw Sion+ nni ahurusi;
Ma Yuda nkurow nketewa ani nnye,+ w’atemmusɛm nti.+
12 Muntwa Sion ho nhyia; mommɔ ho aporɔw.+
Monkan n’abantenten.+
13 Momfa mo ani nsi ne pempe so,+
Monhwɛ n’abantenten,
Na moatumi aka akyerɛ nkyirimma.+
14 Na Onyankopɔn yi ne yɛn Nyankopɔn daa daa.+
Ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan de akosi wu mu.+