Wɔde ma dwonkyerɛfo, sɛ wɔmfa sanku nto no nea ɛto so awotwe so.+ Dawid dwom.
6 O Yehowa, nka m’anim w’abufuw mu,+
Na nteɛ me so w’abufuhyew mu.+
2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mahodwow.+
O Yehowa, sa me yare+ na me nnompe mu agow.
3 Me kra abotow+ dodo;
Enkosi da bɛn, O Yehowa?+
4 O Yehowa, san bra+ na begye me kra;+
W’adɔe+ nti, gye me ɛ.
5 Obiara remmɔ wo din wɔ owu mu;+
Na hena na ɔbɛkamfo wo wɔ Adamoa mu?+
6 M’apinisi ama mabrɛ;+
Me mpa fɔw+ anadwo mũ nyinaa;
Mede nusu guare me mpa.+
7 Ahometew ama m’aniwa ayɛ wusiwusi,+
Ayɛ kusuu, m’atamfo dodow nti.+
8 Amumɔyɛfo nyinaa, mumfi me so nkɔ,+
Na Yehowa bɛte me su.+
9 Yehowa betie me nkotɔsrɛ;+
Yehowa bebua me mpaebɔ.+
10 M’atamfo nyinaa ani bewu+ pɔtɔɔ na wɔayɛ basaa;
Wɔbɛsan wɔn akyi, wɔn ani bewu ntɛm pa ara.+