Wɔde ma dwonkyerɛfo, Nehilot so. Dawid dwom.
5 O Yehowa, yɛ aso+ ma me nsɛm;
Te me ase, m’apinisi mu.
2 Tie me sufrɛ,+
O me Hene+ ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae.+
3 O Yehowa, anɔpa wobɛte me nne;+
Mɛka m’asɛm akyerɛ wo anɔpa na matwɛn.+
4 Woyɛ Onyankopɔn a wompɛ amumɔyɛ;+
Ɔdebɔneyɛfo biara ne wo rentena+ da biara da.
5 Ɔhohoahoafo biara rennyina w’anim;+
Wotan amumɔyɛfo nyinaa;+
6 Wobɛsɛe wɔn a wɔka atosɛm.+
Yehowa kyi mogyahwiegufo+ ne ɔdaadaafo.+
7 Me de, w’adɔe+ dodow mu
Na mɛba wo fie,+
Na wo suro mu na mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+
8 O Yehowa, kyerɛ me kwan wo trenee mu,+ efisɛ atamfo atwa me ho ahyia;+
Ma wo kwan so nna hɔ m’anim.+
9 Nokware biara nni wɔn anom;+
Bɔne nkutoo na ɛwɔ wɔn mu.+
Wɔn menewa yɛ ɔdamoa a ano da hɔ;+
Wɔde wɔn tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.+
10 Onyankopɔn bebu wɔn fɔ;+
Wɔn ankasa pɔw bɔne mu na wɔbɛhwe.+
Wɔn mmarato bebrebe mu na ma wɔnhwete,+
Efisɛ wɔatew wo so atua.+
11 Na wɔn a woguan toa wo no de, wɔn nyinaa bedi ahurusi;+
Wɔbɛto ahurusi dwom daa.+
Wobɛbɔ wɔn ho ban ahyia,
Na wɔn a wɔdɔ wo din bedi wo mu ahurusi.+
12 O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee;+
Wode anisɔ begye ne ho ban ahyia+ sɛ ɔkyɛm+ kɛse.