Wɔde ma dwonkyerɛfo. “Nsɛe me.” Ayeyi dwom. Asaf+ dwom.
75 O Nyankopɔn, yɛda wo ase; yɛda wo ase,+
Na wo din nni akyirikyiri.+
Nnipa bɛka w’anwo-nwadwuma ho asɛm.+
2 “Mehyɛɛ bere;+
Me na mifii ase buu atɛn teeyɛ mu.+
3 Bere a asase ne ɛsotefo renan no,+
Me na meyɛɛ ne nnyinaso yiye.”+ Sela.
4 Meka kyerɛɛ nkwasea sɛ: “Monnyɛ nkwaseade,”+
Ne nnebɔneyɛfo sɛ: “Mommma mo abɛn so.+
5 Mommma mo abɛn so nnkɔ soro.
Munnsen mo kɔn mo kasa mu.+
6 Na obi nni apuei anaa atɔe
Anaa anafo a obetumi ama ne ho so.
7 Efisɛ Onyankopɔn ne ɔtemmufo.+
Ɔbrɛ oyi ase, na ɔma oyi so.+
8 Na kuruwa wɔ Yehowa nsam;+
Emu nsa repuw ahuru, na afrasa ayɛ no ma.
Na ohwie na obehwie ase no afi mu;
Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ asase so nyinaa bekyĩ anom.”+
9 Me de, mɛka ho asɛm daa daa;
Mɛto dwom ama Yakob Nyankopɔn.+
10 “Metwitwa nnebɔneyɛfo nyinaa mmɛn agu.”+
Na treneefo mmɛn de, wɔbɛma so.+