Ayeyi dwom.
98 Monto dwom foforo mma Yehowa,+
Na nneɛma a wayɛ no yɛ nwonwa.+
Ne nsa nifa, ne basa kronkron no, ayɛ nkwagye adwuma ama no.+
2 Yehowa ama wɔahu ne nkwagye;+
Wayi ne trenee adi amanaman no ani so.+
3 Wakae n’adɔe ne ne nokwaredi ama Israel fie.+
Asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.+
4 Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+
Momma mo ani nnye na monto ahurusi ne ayeyi dwom.+
5 Momfa sankuten nto dwom mma Yehowa,+
Momfa sankuten ne ɛnne nto dwom.+
6 Momfa ntorobɛnto ne abɛn+
Mmɔ ose wɔ Ɔhene Yehowa anim.
7 Momma ɛpo nworo, ɛne nea ɛwom nyinaa,+
Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.+
8 Momma nsubɔnten mmobɔ wɔn nsam;
Momma mmepɔw nyinaa nto ahurusi dwom+
9 Wɔ Yehowa anim, efisɛ ɔrebebu asase atɛn.+
Obebu asase atɛn trenee mu,+
Ne amanaman no atɛn, teeyɛ mu.+