Exodus
40 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ɔsram a edi kan+ no da a edi kan no, hyehyɛ ahyiae ntamadan kronkron no.+ 3 Fa adanse adaka+ no si mu na fa ntwamutam sɛn hɔ ma ɛnkata Adaka no anim.+ 4 Afei fa ɔpon+ no si mu na hyehyɛ no fɛfɛɛfɛ. Fa kaneadua+ no bra mu na sosɔ akanea+ no. 5 Fa sika aduhuam muka+ no si adanse adaka no anim na fa ntama sɛn ntamadan no ano.+
6 “Fa afɔremuka+ a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si ahyiae ntamadan kronkron no ano. 7 Fa ɛsɛn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu.+ 8 Afei yɛ adiwo+ wɔ ho nyinaa na fa ntama sɛn adiwo no kwan ano.+ 9 Fa ɔsrango+ no na sra ntamadan no ne nea ɛwom+ nyinaa na tew ntamadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ho ma ɛnyɛ kronkron. 10 Sra afɔremuka a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no ne ɛho nneɛma nyinaa, na tew afɔremuka no ho+ ma ɛnyɛ akronkronne mu ade kronkron.+ 11 Sra ɛsɛn no ne ne nnyinaso no nso, na tew ho.
12 “Afei fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano na fa nsu guare wɔn.+ 13 Fa ntade kronkron no hyɛ Aaron+ na sra no+ tew ne ho na ama watumi asom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfo. 14 Ɛno akyi no, fa ne mma no nso bra, na fa ntade tenten no hyɛ wɔn.+ 15 Na sra wɔn sɛnea wosraa wɔn papa no+ ma wɔnsom wɔ m’anim sɛ asɔfo. Sra a wobɛsra wɔn no bɛma wɔabɛyɛ asɔfo daa, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”+
16 Na Mose yɛɛ nea Yehowa hyɛɛ no no nyinaa.+ Ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
17 Enti afe a ɛto so abien, ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔhyehyɛɛ ntamadan no.+ 18 Bere a Mose rehyehyɛ ntamadan no, ɔde nnyinaso+ no totoo fam na ɔde nnua+ no hyehyɛɛ mu. Afei ɔde nnua beabeaa mu+ na osisii adum+ no. 19 Na ɔde ntama kataa+ ɔdan no so na ɔde nkataso+ foforo guu so, sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
20 Ɛno akyi no, ɔde Adanse+ no too Adaka+ no mu, na ɔde nnua nteaanteaa+ no hyehyɛɛ Adaka no ho de mmuaso+ no kataa Adaka no so.+ 21 Na ɔde Adaka no baa ntamadan no mu, na ɔde ntwamutam+ sɛn hɔ ma ɛkataa adanse adaka no anim,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
22 Afei ɔde ɔpon+ no sii ahyiae ntamadan no mu wɔ ɔdan no nkyɛnmu a ɛhwɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, 23 na ɔhyehyɛɛ paanoo+ no wɔ so de sii Yehowa anim, sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
24 Afei ɔde kaneadua+ no sii ɔpon no anim wɔ ahyiae ntamadan no mu wɔ ɔdan no nkyɛnmu a ɛhwɛ anafo fam no. 25 Na ɔsosɔɔ akanea+ no wɔ Yehowa anim, sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
26 Afei ɔde sika afɔremuka+ no sii ahyiae ntamadan no mu wɔ ntwamutam a ɛsɛn hɔ no anim 27 na wahyew aduhuam wɔ so,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
28 Afei ɔde ntama sɛn ntamadan no ano.+
29 Ɔde afɔremuka+ a wɔbɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no sii ahyiae ntamadan kronkron no mu na wabɔ ɔhyew afɔre+ ne aduan afɔre wɔ so, sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
30 Ɔde ɛsɛn no sii ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam de nsu a wɔde bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho guu mu.+ 31 Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho. 32 Bere biara a wɔbɛhyɛn ahyiae ntamadan no mu anaa wɔbɛkɔ afɔremuka no ho no, wɔhohoro wɔn ho,+ sɛnea Yehowa hyɛɛ Mose no.
33 Afei ɔyɛɛ adiwo+ wɔ ntamadan no ne afɔremuka no ho nyinaa, na ɔde ntama sɛn adiwo no kwan ano.+
Enti Mose wiee adwuma no nyinaa. 34 Na omununkum+ bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na Yehowa anuonyam bɛhyɛɛ ntamadan no mu mã. 35 Na Mose antumi ankɔ ahyiae ntamadan no mu, omununkum+ a na abebua so ne Yehowa anuonyam a na ahyɛ ntamadan no mã nti.+
36 Israelfo nantew nyinaa mu no, sɛ omununkum no fi ntamadan no so a, na wɔatoa wɔn akwantu no so.+ 37 Na sɛ omununkum no wɔ so a, wɔtwɛn kosi da a ebefi so.+ 38 Israelfo akwantu nyinaa mu no, na Yehowa mununkum wɔ ntamadan no so anɔpa, na edu anadwo nso a, ɛyɛ ogya, na Israelfo nyinaa hu wɔ wɔn afie.+