Ɔsɛnkafo
6 Mahu ɔbrɛ hunu bi owia ase, na ɛdɔɔso adesamma mu: 2 nokware Nyankopɔn ama obi sika ne ahonyade ne anuonyam,+ na nea ne kɔn dɔ biara mmɔ ne kra,+ nanso nokware Nyankopɔn mma ontumi nni,+ na mmom ɔnanani+ na odi. Eyi yɛ ahuhude ne ɔyare bɔne. 3 Sɛ onipa wo ɔha+ na ɔtena ase mfe pii ma ne mfe mu nna dɔɔso,+ na sɛ ne nyinaa akyi no, adepa mmee ne kra+ na ɔnkɔɔ amoa mu+ a, metumi aka sɛ ɔba a wɔapɔn no mpo ye sen no.+ 4 Wammɛyɛ hwee; esum mu na ɔbɛkɔ, na esum na ɛbɛkata ne din so.+ 5 Wanhu owia, na onnim sɛnea ɛte nso.+ Oyi mmom na ɔwɔ ahotɔ, na ɛnyɛ obiako no.+ 6 Sɛ odi mfe mpem abien mpo na wanhu adepa+ a, ɛnyɛ faako na obiara rekɔ?+
7 Adesamma brɛ nyinaa, wɔbrɛ ma wɔn ano,+ nanso wɔn kra mmee da. 8 Dɛn na onyansafo de kyɛn ɔkwasea?+ Sɛ mmɔborɔni hu ateasefo anim nantew a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? 9 Eye sɛ aniwa behu sen sɛ ɔkra bedi n’akɔnnɔde akyi.+ Eyi nso yɛ ahuhude ne adehunu akyidi.+
10 Nea aba biara no, wɔabɔ din dedaw, na sɛnea onipa te nyɛ ade foforo;+ ɔrentumi ne nea ɔwɔ tumi sen no no nni asɛm.+
11 Esiane sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛma ahuhude+ dɔɔso nti, mfaso bɛn na onipa nya? 12 Na hena na onim adepa a ɛwɔ hɔ ma onipa,+ ne nkwa nna huhuw no mu, bere a odi ne nna sɛ sunsuma+ no? Hena na ɔbɛkyerɛ onipa nea ebesi owia ase wɔ n’akyi?+