Yesaia
20 Afe a Asiria hene Sargon somaa+ Tartan+ kɔɔ Asdod+ no, ɔko faa Asdod,+ 2 na saa bere no Yehowa nam Amus+ ba Yesaia so kae sɛ: “Kɔ+ na koyi atweaatam no fi w’asen+ na yi wo mpaboa fi wo nan ase.”+ Ɔyɛɛ saa de daa adagyaw, na oyii ne mpaboa nantew anammɔnpan mu.+
3 Na Yehowa toaa so kae sɛ: “Sɛnea m’akoa Yesaia daa adagyaw na ɔnantew anammɔnpan mu mfe abiɛsa de yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene bɛka Egyptfo+ ne Etiopiafo, mmerante ne nkwakoraa, akɔ nkoasom mu, adagyaw ne anammɔnpan mu; wobeyi wɔn to ho ma Egypt ada adagyaw.+ 5 Na wɔhwɛ Etiopia a wɔn ani da no so+ ne Egypt a ɔyɛ wɔn anuonyam+ no a, wɔbɛbɔ hu na wɔn ani awu. 6 Saa da no, nnipa a wɔte mpoano yi bɛka sɛ, ‘Monhwɛ nea ato ɔman a yɛde yɛn ani too so no, ɔman a yeguan kɔtoaa no sɛ onnye yɛn mfi Asiria hene nsam no!+ Afei ɛhe na yɛde yɛn ti bɛfa?’”