Yesaia
21 Ɛpo sare* ho atemmusɛm ni:+ Ɛreba te sɛ ahum+ a efi anafo; efi sare so reba, asase a ɛso yɛ hu so.+ 2 Wɔayi anisoade bi a ɛyɛ hu+ akyerɛ me: Okontomponi di nkontomposɛm, na ɔsɛefo sɛe ade.+ Afei Elam, foro kɔ! Media,+ kotwa ho hyia! Mama apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+ 3 Eyi ama me dwonku mu tutu me.+ Mete yaw sɛ ɔbea a ɔrewo.+ Me ho yeraw me, enti mente asɛm; m’adwene atu afra, enti minhu hwee. 4 Me koma bɔ paripari, na ehu ama mebɔ birimbirim. Anwummere hann a m’ani gye ho no adan me ahopopo.+
5 Ma wɔmfa apon nsisi hɔ, wɔnhyehyɛ nkongua, wonnidi na wɔnnom!+ Mmapɔmma,+ monsɔre, monsra ɔkyɛm no ho ngo.+ 6 Na nea Yehowa aka akyerɛ me ni:
“Kɔ, fa ɔwɛmfo kogyina awɛnee na ɔnka nea obehu.”+
7 Na ohuu nteaseɛnam ne apɔnkɔ abien abien, nteaseɛnam ne mfurum, nteaseɛnam ne yoma. Na ɔwɛn n’aso na ɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. 8 Na ɔteɛɛm denneennen te sɛ gyata+ sɛ: “O Yehowa, migyina ɔwɛn aban so daa awia, na migyina m’awɛnee anadwo nyinaa.+ 9 Na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, ne apɔnkɔ abien abien reba!”+
Na ɔteɛɛm kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase,+ na wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+
10 O me nkurɔfo a wɔaporow wɔn, m’awiporowbea ba,+ maka nea mate afi asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn akyerɛ mo.
11 Duma ho atemmusɛm ni: Obi fi Seir+ teɛm bisa me sɛ: “Ɔwɛmfo, anadwo yi te dɛn? Ɔwɛmfo, anadwo yi te dɛn?”+ 12 Ɔwɛmfo no buae sɛ: “Ade bɛkye, na ade bɛsa. Sɛ mubebisa a, mummisa. Monsan mmra!”
13 Sare so ho atemmusɛm ni: Dedan+ akwantufo, mobɛda sare so kwae mu anadwo. 14 Momfa nsu mmehyia nea osukɔm de no. Tema+ asase sofo, momfa aduan mmrɛ nea ɔreguan. 15 Nkrante nti wɔaguan, nkrante a wɔatwe nti, agyan a wɔakuntun mu ne ɔko dennen nti.
16 Nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Akyɛ koraa afe, sɛnea wobu ɔpaani mfe no,+ Kedar+ anuonyam nyinaa bɛhyew. 17 Na agyantofo kakraa bi, Kedar nnɔmmarima kakraa bi na wɔbɛka,+ efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ankasa na waka.”+