Yesaia
61 Awurade Tumfoɔ Yehowa honhom wɔ me so,+ efisɛ Yehowa asra me+ sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+ Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,+ na menka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum,+ na mimmue nneduafo aniwa.+ 2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa anisɔ afe+ ne yɛn Nyankopɔn aweredi da;+ na menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ;+ 3 wasoma me sɛ memfa abotiri mma wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhow no mfa nsi nsõ ananmu,+ ahurusi ngo+ nsi awerɛhow ananmu, ayeyi atade nsi abasamtu honhom ananmu.+ Na wɔbɛfrɛ wɔn trenee nnua akɛse,+ nea Yehowa ankasa atɛw+ sɛ ɔde bɛhyɛ ne ho anuonyam.+ 4 Wɔbɛsan akyekye mmeae a adan amamfõ no bio+ na wɔama tete nkurow a asɛe no so agyina.+ Wɔbɛma nkurow a asɛe, mmeae a ada mpan wɔ awo ntoatoaso pii mu, ayɛ foforo.+
5 “Ahɔho bɛba abɛhwɛ mo nguan+ na ananafo+ ahwɛ mo mfuw ne mo bobe nturo so.+ 6 Mo de, wɔbɛfrɛ mo Yehowa asɔfo+ na wɔabɔ mo din+ sɛ yɛn Nyankopɔn asomfo.+ Mubedi amanaman ahode+ na mode wɔn anuonyam ahoahoa mo ho.+ 7 Mo aniwu ananmu mubenya kyɛfa mmɔho,+ na animguase ananmu wobedi wɔn kyɛfa ho ahurusi.+ Enti wobenya agyapade mmɔho wɔ wɔn asase so.+ Na wobedi ahurusi daa.+ 8 Me Yehowa, medɔ atɛntrenee,+ na mikyi dwowtwa ne amumɔyɛ.+ Metua wɔn ka nokware mu+ na me ne wɔn ayɛ daa apam.+ 9 Wobehu wɔn mma amanaman mu,+ ne wɔn asefo aman mu. Na obiara a n’ani bɛbɔ wɔn so no behu+ sɛ wɔyɛ mma a Yehowa ahyira wɔn.”+
10 Yehowa mu na medi ahurusi,+ na me Nyankopɔn mu na me kra ani begye,+ efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me,+ na ɔde trenee batakari awura me+ te sɛ ayeforokunu a wabɔ n’abotiri sɛ ɔsɔfo,+ te sɛ ayeforo a ɔde n’agude ahyehyɛ ne ho.+ 11 Na sɛnea asase so afifide fefɛw, na turo mu nneɛma a wɔadua fifi no,+ saa ara na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛma trenee+ ne ayeyi afifi wɔ aman nyinaa anim.+