Hesekiel
8 Afe a ɛto so asia, ɔsram a ɛto so asia no da a ɛto so anum a mete fie na Yuda mpanyimfo tete m’anim+ no, Awurade Tumfoɔ Yehowa nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.+ 2 Afei mihuu biribi te sɛ ogya;+ na efi nea ɛte sɛ n’asen so reba fam no yɛ ogya,+ na efi n’asen so kɔ soro nso mihuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae gonn.+ 3 Na ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa+ de soo me ti nhwi mu, na honhom+ bi maa me so faa asase ne ɔsoro ntam kɔɔ Yerusalem wɔ Onyankopɔn anisoadehu mu+ kopuee ɔponkɛse+ a ɛhwɛ atifi fam a ɛkɔ ɔdan no mfinimfini no ano, faako a ninkuntwe honi a eyi Onyankopɔn ahii si no.+ 4 Na mihuu Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ hɔ+ te sɛ biribi a mihui wɔ asasetaw so no.
5 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, ma w’ani so hwɛ atifi fam.” Ɛnna memaa m’ani so hwɛɛ atifi fam, na mihuu ninkuntwe honi+ no sɛ esi afɔremuka no pon ano wɔ atifi fam. 6 Ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu abofonode akɛse a wɔreyɛ yi,+ nea Israel fie reyɛ wɔ ha a ama matwe me ho afi me kronkronbea+ ho kɔ akyirikyiri no? Na wobɛsan ahu abofonode akɛse bio.”
7 Enti ɔde me baa adiwo no pon ano, na mihuu tokuru bi wɔ ɔfasu no mu. 8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.”+ Enti mituu ɔfasu no mu tokuru nkakrankakra, na mihui sɛ ɔkwan bi wɔ hɔ. 9 Na ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔ mu kɔhwɛ abofonode tantan a wɔreyɛ wɔ ha.”+ 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔn ho yɛ nwini+ nyinaa ne Israel fie abosom fĩ+ nyinaa sɛso+ a wɔakurukyerɛw wɔ ɔfasu no ho nyinaa. 11 Ná Israel fie mpanyimfo aduɔson+ a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina ɔfasu no anim, na na obiara kura ade a wɔde hyew aduhuam a wusiw huamhuam fi mu reforo kɔ soro.+ 12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fie mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu,+ nea obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn.+ Yehowa agyaw asase no.’”
13 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Wobɛsan ahu abofonode akɛse a wɔreyɛ bio.”+ 14 Enti ɔde me baa Yehowa fie pon a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, mmea bi tete hɔ resu onyame Tamus.
15 Na ɔka kyerɛɛ me bio sɛ: “Onipa ba, woahu? Wobɛsan ahu abofonode+ akɛse a ɛsen eyinom mpo.” 16 Enti ɔde me baa Yehowa fie+ adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no, na hwɛ, Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔremuka no ntam no,+ mihuu mmarima aduonu anum+ a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie+ no na wɔn anim hwɛ apuei fam a wɔrekotow owia+ wɔ apuei fam.
17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu? So ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonode a wɔreyɛ wɔ ha yi de amumɔyɛ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abeyi me ahii de dubaa* aka me hwene? 18 Na me nso, me ne wɔn bedi wɔ anibere so.+ Merenhu wɔn mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Na wɔbɛteɛm denneennen agu m’asom, nanso merentie wɔn.”+