Dwom 73:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɛma wɔka sɛ: “Onyankopɔn nhui anaa?+Ɔsorosoroni no nim biribi?”+ Dwom 94:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔkeka sɛ: “Yah aniwa nhu;+Yakob Nyankopɔn nnim nea ɛrekɔ so.”+ Yesaia 29:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔn a wɔde wɔn tirimbɔ hintaw Yehowa fee,+ na wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase+ no nnue. Wɔka sɛ: “Hena na ohu yɛn, na hena na onim yɛn ho asɛm?”+ Hesekiel 9:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda+ bɔne sõ papaapa;+ mogyahwiegu+ ahyɛ asase no so mã, na akɔntɔnkyesɛm+ ahyɛ kurow no mã, na wɔka sɛ, ‘Yehowa agyaw asase no,+ na Yehowa nhu.’+
15 Wɔn a wɔde wɔn tirimbɔ hintaw Yehowa fee,+ na wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase+ no nnue. Wɔka sɛ: “Hena na ohu yɛn, na hena na onim yɛn ho asɛm?”+
9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda+ bɔne sõ papaapa;+ mogyahwiegu+ ahyɛ asase no so mã, na akɔntɔnkyesɛm+ ahyɛ kurow no mã, na wɔka sɛ, ‘Yehowa agyaw asase no,+ na Yehowa nhu.’+