12 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fie mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu,+ nea obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn.+ Yehowa agyaw asase no.’”
5 Enti mummmu biribiara ho atɛn+ ansa na bere no adu, kosi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde nea ahintaw esum mu bɛba hann mu,+ na wayi komam agyina adi,+ na ɛno na afei obiara benya n’ayeyi afi Onyankopɔn hɔ.+