Hosea
7 “Bere biara a mepɛ sɛ mesa Israel yare no,+ Efraim amumɔyɛ+ ne Samaria nnebɔne da adi,+ efisɛ wodi nnaadaasɛm,+ ɔkorɔmfo bubu kɔ afie mu, na adwowtwafo hwim nneɛma wɔ mmɔnten so.+ 2 Nanso ɛmma wɔn komam+ da sɛ mɛkae wɔn nnebɔne no nyinaa.+ Afei wɔn nneyɛe atwa wɔn ho ahyia;+ ne nyinaa abedu m’anim.+ 3 Wɔde wɔn nnebɔne ma ɔhene di ahurusi, na wɔn nnaadaa ma abirɛmpɔn ani gye.+ 4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo,+ na wɔte sɛ fononoo a paanootofo asɔ mu gya. Sɛ ɔfɔtɔw esiam no wie a, ɔnka gya nhyem bio kosi sɛ ɛbɛkaw. 5 Yɛn hene da no, abirɛmpɔn yareyaree,+ na nsã nti anibere bae.+ Ɔne afɛwdifo na edi nsawɔso. 6 Na wɔama wɔn koma adɔ te sɛ nea ɛwɔ fononoo ho;+ ɛdɛw wɔ wɔn mu.+ Wɔn paanootofo no da anadwo mũ nyinaa; na edu anɔpa a, fononoo no dɛw te sɛ ogyaframa.+ 7 Wɔn nyinaa adɔ sɛ fononoo, na wɔwe wɔn atemmufo. Wɔn ahene atotɔ,+ na wɔn mu biara nni hɔ a ɔfrɛ me.+
8 “Efraim de ne ho afra amanaman no.+ Efraim te sɛ paanoo a wɔannannan no.+ 9 Ahɔho atwetwe n’ahoɔden nyinaa,+ nanso onnim;+ dwen ayɛ ne ti so fitaa, nanso onnim. 10 Afei Israel ahantan adi adanse wɔ n’anim,+ na wɔnsan mmaa Yehowa wɔn Nyankopɔn nkyɛn,+ na eyi nyinaa nti, wɔnhwehwɛɛ no.+ 11 Efraim te sɛ aborɔnoma tibɔnkɔso+ a onni adwene.+ Wɔfrɛ Egypt,+ na wɔkɔ Asiria.+
12 “Baabiara a wɔbɛkɔ biara mɛtrɛw m’atena mu agu wɔn so.+ Na mɛtwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa.+ Mɛtwe wɔn aso sɛnea kɔkɔbɔ a wɔde ama wɔn asafo no te.+ 13 Wonnue,+ efisɛ wɔaguan afi m’anim!+ Ɔsɛe mmra wɔn so efisɛ wɔato me mmara! Meyɛe sɛ megye wɔn,+ nanso wɔaka me ho atosɛm.+ 14 Wotwaa agyaadwo wɔ wɔn mpa so, nanso wɔn komam de, wɔansu amfrɛ me.+ Wɔn awi ne wɔn nsã dɔkɔdɔkɔ nti wɔnantew basabasa,+ na wɔtew m’anim atua.+ 15 Na mekyerɛkyerɛɛ wɔn+ hyɛɛ wɔn basa mu den,+ nanso wɔbɔɔ me ho pɔw bɔne.+ 16 Wɔsan bae, nanso wamma ɔsorosoroni no nkyɛn;+ na wɔayɛ sɛ agyan a emu agow.+ Wɔn abirɛmpɔn bɛtotɔ nkrante ano, efisɛ wɔn tɛkrɛma ka abususɛm,+ na wobedi wɔn ho fɛw wɔ Egypt asase so.”+