Numeri
28 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Monhwɛ mfa m’ayɛyɛde, m’aduan+ a wɔde bɔ ogya afɔre huamhuam, mma me+ wɔ ne bere mu.’+
3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ogya afɔre a mobɛbɔ ama Yehowa ni: Da biara momfa nguammaa anini abien a wɔadi afe afe mmɔ ɔhyew afɔre; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa oguammaa biako mmɔ afɔre anɔpa, na momfa biako nso mmɔ afɔre anwummere.+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa+ susude du mu biako a wɔde ngodua ngo kurennyenn hin nkyem anan mu biako afɔtɔw+ mmɔ aduan+ afɔre. 6 Mommɔ ɔhyew afɔre daa+ te sɛ ogya afɔre huamhuam a mobɔe wɔ Bepɔw Sinai so maa Yehowa+ no, 7 na momfa nsã+ hin nkyem anan mu biako mmɔ afɔre nka oguammaa biara ho.+ Afei munhwie mmosã a wɔde bɔ nsã afɔre+ ma Yehowa no ngu kronkronbea hɔ. 8 Momfa oguammaa a aka no mmɔ afɔre anwummere. Momfa aduan afɔre te sɛ nea mobɔɔ anɔpa no ne nsã afɔre nka ho mmɔ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa.+
9 “‘Na sɛ edu homeda+ a, momfa nguammaa anini abien a wɔadi afe afe a wɔte apɔw ne esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw mmɔ aduan afɔre na momfa ɛho nsã afɔre nka ho. 10 Ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda a wɔde bɛka ɔhyew afɔre+ a wɔbɔ no daa ne nsã afɔre+ no ho.
11 “‘Na ɔsram no da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini biako ne nguammaa anini ason a wɔadi afe afe a wɔte apɔw mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka nantwinini biara ho mfa mmɔ aduan afɔre,+ na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw nka odwennini no ho mmɔ afɔre.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu biako a wɔde ngo afɔtɔw mmɔ aduan afɔre nka oguammaa biara ho. Ɛnyɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre huamhuam,+ mma Yehowa. 14 Na momfa bobesa hin fã+ nka nantwinini biara ho, na momfa hin nkyem abiɛsa mu biako+ nka odwennini no ho, na momfa hin nkyem anan mu biako+ nka oguammaa biara ho mmɔ afɔre. Eyi ne ɔhyew afɔre a mobɛbɔ ɔsram biara, afe no nyinaa.+ 15 Afei momfa abirekyi ba+ mmɔ bɔne ho afɔre mma Yehowa nka ɔhyew afɔre a mobɔ daa ne ɛho nsã afɔre+ no ho.
16 “‘Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no bɛyɛ Yehowa twam afahyɛ.+ 17 Saa ɔsram no da a ɛto so dunum no bɛyɛ afahyɛ da. Munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+ 18 Da a edi kan no bɛyɛ nhyiam kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+ 19 Na momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini biako ne nguammaa anini ason a wɔadi afe afe+ a wɔte apɔw+ mmɔ ogya afɔre, kyerɛ sɛ ɔhyew afɔre,+ mma Yehowa. 20 Na momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw nkyem du mu abiɛsa nka anantwinini no ho na momfa nkyem du mu abien+ nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.+ 21 Na momfa nkyem du mu biako+ nka nguammaa ason no mu biara ho. 22 Na momfa abirekyi biako mmɔ bɔne ho afɔre mpata mma mo bɔne.+ 23 Mommɔ eyi nka anɔpa ɔhyew afɔre+ a mobɔ daa+ no ho. 24 Saa ara na mommɔ aduan afɔre nnanson+ sɛ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa.+ Momfa nka ɔhyew afɔre a mobɔ daa ne ɛho nsã afɔre no ho. 25 Na da a ɛto so ason no monyɛ nhyiam kronkron.+ Monnyɛ adwumaden biara.+
26 “‘Na sɛ moredi adapɛn afahyɛ,+ na motew mo aba a edi kan+ de bi bɛbɔ aduan afɔre ma Yehowa a, monyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.+ 27 Na momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini biako ne nguammaa anini ason a wɔadi afe afe+ mmɔ ɔhyew afɔre huamhuam mma Yehowa. 28 Na momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo nkyem du mu abiɛsa afɔtɔw nka nantwinini biara ho mmɔ aduan afɔre, na momfa nkyem du mu abien+ nka odwennini no ho, 29 na momfa nkyem du mu biako+ nka nguammaa anini ason no mu biara ho. 30 Afei momfa abirekyi ba biako mmra na wɔmfa mpata mma mo.+ 31 Mommɔ eyinom nka ɔhyew afɔre a mobɔ daa ne ɛho aduan afɔre no ho.+ Momfa mmoa a wɔte apɔw+ nka nsã afɔre no ho.+