29 Monhyɛ no nsow sɛ Yehowa ama mo homeda.+ Ɛno nti na da a ɛto so asia no wama mo nnanu aduan no. Enti da a ɛto so ason no, obiara ntena ne fie,+ obiara mmfi adi.”
10 Na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Nyɛ adwuma biara; wo oo, wo babarima anaa wo babea oo, w’akoa anaa w’afenaa oo, w’ayɛmmoa oo, ɔhɔho a ɔwɔ wo kurom oo, obiara nnyɛ adwuma.+