Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 20:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 “Kae homeda no na yɛ no kronkron,+

  • Leviticus 23:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “‘Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ homeda a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiam kronkron. Monnyɛ adwuma biara. Baabiara a mobɛtena no, monkae sɛ ɛyɛ homeda ma Yehowa.+

  • Leviticus 23:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 “Ma Israelfo aso nte sɛ, ‘Ɔsram a ɛto so ason+ no da a edi kan no, monhome koraa. Ɛyɛ nhyiam kronkron+ a wɔbɛhyɛn torobɛnto+ de akae.

  • Leviticus 23:32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 32 Ɛyɛ homeda a mobɛhome koraa,+ na ɔsram no da a ɛto so akron anwummere no, mo kra nni awerɛhow.+ Munni homeda no mfi anwummere nkosi anwummere.”

  • Leviticus 25:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegye bere ma Yehowa. Munnnua aba biara, na munnsiesie mo bobeturo nso.

  • Leviticus 25:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Afe a ɛto so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadi afe.+ Munnnua aba biara, na munntwa aba a ɛno ara fifii asase no so anaa bobe a wɔansiesie ho a asow no.+

  • Deuteronomium 5:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “ ‘Di homeda na yɛ no kronkron sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛ wo no.+

  • Nehemia 9:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Woma wohuu wo homeda+ kronkron ne ahyɛde ne akwankyerɛ, na wonam w’akoa Mose so maa wɔn mmara.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena