Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 25
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Leviticus 25:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:16; De 32:8; Dw 24:1
  • +Le 26:34; 2Be 36:21

Leviticus 25:3

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:10

Leviticus 25:4

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:11; Le 26:34

Leviticus 25:9

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 23:27
  • +Nu 10:2, 10
  • +Le 16:30; 23:28

Leviticus 25:10

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 146:7; Yes 61:1; 63:4; Yer 34:8; Lu 4:18; Ro 8:21
  • +Le 27:17, 24
  • +Le 25:13; Nu 36:4; De 15:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom),

    12/2019, kr. 8-9

    (nwt) Wiase Foforo Nkyerɛase, kr. 1824

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/1980, kr. 14

Leviticus 25:11

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 12:8, 12; Ro 8:21
  • +Le 25:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/1/1980, kr. 14

Leviticus 25:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:11; Le 25:6

Leviticus 25:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:30; 27:24

Leviticus 25:14

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 12:3; Mme 14:31; Am 5:11; Mik 2:2; 1Ko 6:8

Leviticus 25:15

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 27:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu, 1/2021, kr. 3

Leviticus 25:16

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 27:23

Leviticus 25:17

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:13; Mme 22:22; Yer 7:6
  • +Ge 20:11; 22:12; Le 25:43; 1Sa 12:24; Ne 5:9; Mme 1:7; 8:13; Aso 9:31
  • +Yes 33:22

Leviticus 25:18

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 12:10; Dw 4:8; Mme 1:33

Leviticus 25:19

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:5; Dw 67:6; Hes 34:27; Yoe 2:24
  • +Hes 34:25

Leviticus 25:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:5; Mt 6:25

Leviticus 25:21

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 26:12; De 28:8; Mal 3:10

Leviticus 25:23

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 21:3; Hes 48:14
  • +2Be 7:20; Dw 24:1; 85:1; Yoe 2:18
  • +1Be 29:15; Dw 39:12; 1Pe 2:11

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    11/15/2011, kr. 17

Leviticus 25:24

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:51

Leviticus 25:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ru 2:20; 4:4, 6; Yer 32:7

Leviticus 25:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:50

Leviticus 25:28

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:10, 13; 27:24
  • +Le 25:10

Leviticus 25:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:25, 51

Leviticus 25:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:48
  • +Le 25:10

Leviticus 25:32

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 35:2, 8; Yos 21:2
  • +Yer 32:8

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu, 1/2021, kr. 3

Leviticus 25:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:28
  • +Nu 18:20; 35:4; De 18:1

Leviticus 25:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 35:7; Yos 14:4; 21:2

Leviticus 25:35

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:25; De 15:7; Dw 41:1; Mme 14:20; 17:5; 19:17; Mr 14:7
  • +Dw 37:26; 112:5; Mme 3:27; 14:31; Lu 6:35; Aso 11:29; 1Ti 6:18; 1Yo 3:17
  • +Ex 22:21; 23:9; Le 19:34; De 10:18

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1984, kr. 10

Leviticus 25:36

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:25; De 23:19; Ne 5:7; Dw 15:5; Mme 28:8; Hes 18:13
  • +Dw 89:7; Mme 8:13; Heb 12:28

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    5/15/2004, kr. 24

    2/1/1984, kr. 10

Leviticus 25:37

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 23:20; Ne 5:10; Lu 6:35

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    5/15/2004, kr. 24

    2/1/1984, kr. 10

Leviticus 25:38

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:2; 1Ah 8:51
  • +Ex 6:7; Nu 15:41

Leviticus 25:39

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:2; De 15:12; 2Ah 4:1; Ne 5:5
  • +Ex 1:14

Leviticus 25:40

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:53; 1Ah 9:22

Leviticus 25:41

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:3; Le 25:10

Leviticus 25:42

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:5; Le 25:55

Leviticus 25:43

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 1:13; 3:7; Yes 47:6; Efe 6:9; Kol 4:1
  • +Ex 1:17; Le 25:17; Ɔsɛ 12:13

Leviticus 25:45

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:38; Yos 9:21

Leviticus 25:46

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 14:2
  • +Le 25:39, 43

Leviticus 25:48

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 5:5
  • +Le 25:25
  • +Ne 5:8

Leviticus 25:49

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ru 2:20
  • +Le 25:26; 1Ko 7:21

Leviticus 25:50

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:10, 16
  • +Le 25:27
  • +De 15:18; Yes 16:14; 21:16

Leviticus 25:52

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:16; 27:18

Leviticus 25:53

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:40
  • +Le 25:43; Kol 4:1

Leviticus 25:54

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:3; Le 25:40

Leviticus 25:55

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 25:42
  • +Ex 13:3; 20:2; Lu 1:74
  • +De 1:21; Yos 1:9

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Lev. 25:2Ge 15:16; De 32:8; Dw 24:1
Lev. 25:2Le 26:34; 2Be 36:21
Lev. 25:3Ex 23:10
Lev. 25:4Ex 23:11; Le 26:34
Lev. 25:9Le 23:27
Lev. 25:9Nu 10:2, 10
Lev. 25:9Le 16:30; 23:28
Lev. 25:10Dw 146:7; Yes 61:1; 63:4; Yer 34:8; Lu 4:18; Ro 8:21
Lev. 25:10Le 27:17, 24
Lev. 25:10Le 25:13; Nu 36:4; De 15:1
Lev. 25:11Mt 12:8, 12; Ro 8:21
Lev. 25:11Le 25:5
Lev. 25:12Ex 23:11; Le 25:6
Lev. 25:13Le 25:30; 27:24
Lev. 25:141Sa 12:3; Mme 14:31; Am 5:11; Mik 2:2; 1Ko 6:8
Lev. 25:15Le 27:18
Lev. 25:16Le 27:23
Lev. 25:17Le 19:13; Mme 22:22; Yer 7:6
Lev. 25:17Ge 20:11; 22:12; Le 25:43; 1Sa 12:24; Ne 5:9; Mme 1:7; 8:13; Aso 9:31
Lev. 25:17Yes 33:22
Lev. 25:18De 12:10; Dw 4:8; Mme 1:33
Lev. 25:19Le 26:5; Dw 67:6; Hes 34:27; Yoe 2:24
Lev. 25:19Hes 34:25
Lev. 25:20Le 25:5; Mt 6:25
Lev. 25:21Ge 26:12; De 28:8; Mal 3:10
Lev. 25:231Ah 21:3; Hes 48:14
Lev. 25:232Be 7:20; Dw 24:1; 85:1; Yoe 2:18
Lev. 25:231Be 29:15; Dw 39:12; 1Pe 2:11
Lev. 25:24Le 25:51
Lev. 25:25Ru 2:20; 4:4, 6; Yer 32:7
Lev. 25:27Le 25:50
Lev. 25:28Le 25:10, 13; 27:24
Lev. 25:28Le 25:10
Lev. 25:29Le 25:25, 51
Lev. 25:31Le 25:48
Lev. 25:31Le 25:10
Lev. 25:32Nu 35:2, 8; Yos 21:2
Lev. 25:32Yer 32:8
Lev. 25:33Le 25:28
Lev. 25:33Nu 18:20; 35:4; De 18:1
Lev. 25:34Nu 35:7; Yos 14:4; 21:2
Lev. 25:35Le 25:25; De 15:7; Dw 41:1; Mme 14:20; 17:5; 19:17; Mr 14:7
Lev. 25:35Dw 37:26; 112:5; Mme 3:27; 14:31; Lu 6:35; Aso 11:29; 1Ti 6:18; 1Yo 3:17
Lev. 25:35Ex 22:21; 23:9; Le 19:34; De 10:18
Lev. 25:36Ex 22:25; De 23:19; Ne 5:7; Dw 15:5; Mme 28:8; Hes 18:13
Lev. 25:36Dw 89:7; Mme 8:13; Heb 12:28
Lev. 25:37De 23:20; Ne 5:10; Lu 6:35
Lev. 25:38Ex 20:2; 1Ah 8:51
Lev. 25:38Ex 6:7; Nu 15:41
Lev. 25:39Ex 21:2; De 15:12; 2Ah 4:1; Ne 5:5
Lev. 25:39Ex 1:14
Lev. 25:40Le 25:53; 1Ah 9:22
Lev. 25:41Ex 21:3; Le 25:10
Lev. 25:42Ex 19:5; Le 25:55
Lev. 25:43Ex 1:13; 3:7; Yes 47:6; Efe 6:9; Kol 4:1
Lev. 25:43Ex 1:17; Le 25:17; Ɔsɛ 12:13
Lev. 25:45Ex 12:38; Yos 9:21
Lev. 25:46Yes 14:2
Lev. 25:46Le 25:39, 43
Lev. 25:48Ne 5:5
Lev. 25:48Le 25:25
Lev. 25:48Ne 5:8
Lev. 25:49Ru 2:20
Lev. 25:49Le 25:26; 1Ko 7:21
Lev. 25:50Le 25:10, 16
Lev. 25:50Le 25:27
Lev. 25:50De 15:18; Yes 16:14; 21:16
Lev. 25:52Le 25:16; 27:18
Lev. 25:53Le 25:40
Lev. 25:53Le 25:43; Kol 4:1
Lev. 25:54Ex 21:3; Le 25:40
Lev. 25:55Le 25:42
Lev. 25:55Ex 13:3; 20:2; Lu 1:74
Lev. 25:55De 1:21; Yos 1:9
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase (Akuapem) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
  • 50
  • 51
  • 52
  • 53
  • 54
  • 55
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Leviticus 25:1-55

Leviticus

25 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose wɔ Bepɔw Sinai so sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ mudu asase a mede ama mo+ no so a, asase no nni homeda mma Yehowa.+ 3 Momfa mfe asia nnua mo mfuw mu aba, na momfa mfe asia nsiesie mo bobe nturo, na mommoaboa asase no so nnɔbae ano.+ 4 Nanso afe a ɛto so ason no, munnyaw asase no na ɛnhome koraa;+ ɛyɛ ahomegye bere ma Yehowa. Munnnua aba biara, na munnsiesie mo bobeturo nso. 5 Munntwa aba a ɛno ara fifii asase no so anaa bobe a wɔansiesie ho a asow no. Afe mũ no nyinaa munnyaw asase no na ɛnhome. 6 Asase a ɛrehome no bɛma mo aduan, mo ne mo nkoa ne mo mfenaa ne apaafo ne atubrafo, ahɔho a wɔabɛsoɛ mo, 7 ne mo afieboa ne wuram mmoa a wɔwɔ mo asase no so. Asase no so aba nyinaa yɛ wɔn aduan.

8 “‘Na monkan ɔhome mfe ason, mfe ason ahorow ason, na ɔhome mfe ason no dodow bɛyɛ mfe aduanan akron. 9 Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du+ no, momma wɔnhyɛn abɛn denneennen.+ Saa da no yɛ mpata da,+ na momma wɔnhyɛn abɛn wɔ mo asase so baabiara. 10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+ 11 Afe a ɛto so aduonum no bɛyɛ mo Ahofadi afe.+ Munnnua aba biara, na munntwa aba a ɛno ara fifii asase no so anaa bobe a wɔansiesie ho a asow no.+ 12 Ɛyɛ Ahofadi afe, na ɛnyɛ kronkron mma mo. Munni asase no so aba.+

13 “‘Mo mu biara nsan nkɔ n’agyapade so wɔ Ahofadi afe yi mu.+ 14 Sɛ motɔn agyapade bi ma mo yɔnko anaa motɔ biribi fi ne hɔ a, monhwɛ na obiara ansisi ne yɔnko.+ 15 Wobɛhwɛ mfe dodow a atwam fi Ahofadi afe no so na woatɔ agyapade afi wo yɔnko hɔ, na ɔbɛhwɛ mfe dodow a wode betwa so aba na watɔn ama wo.+ 16 Sɛ asase no bɛba abedi wo nsam mfe pii a, ɛsɛ sɛ ɔma ne bo kɔ soro,+ na sɛ ɛbɛyɛ mfe kakraa bi a, ɛsɛ sɛ ɔtew bo no so, efisɛ nnɔbae a wubenya wɔ so na ɔretɔn ama wo. 17 Obiara nnsisi ne yɔnko,+ na munsuro mo Nyankopɔn,+ efisɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn.+ 18 Enti munni m’ahyɛde so na monkora m’atemmusɛm so na momfa mmɔ mo bra. Ɛba saa a, mobɛtena asase no so dwoodwoo.+ 19 Na asase no bɛma ne nnɔbae,+ na mubedidi amee atena so dwoodwoo.+

20 “‘Nanso ebia mobɛka sɛ: “Yɛannua aba biara ammoaboa nnɔbae ano, na dɛn na yebedi afe a ɛto so ason no mu?”+ 21 Ɛnde munhu sɛ mɛma me nhyira aba mo so afe a ɛto so asia no mu, na ɛbɛsow mfe abiɛsa nnɔbae.+ 22 Afe a ɛto so awotwe no munnua aba, na mubedi aduan a ɛwɔ hɔ dedaw no akosi afe a ɛto so akron no. Enti ansa na mubetwa nnɔbae foforo no, mobɛkɔ so adi dedaw no.

23 “‘Enti monntɔn asase no korakora,+ efisɛ asase no yɛ me dea.+ Na m’ani so de, moyɛ ahɔho ne atubrafo.+ 24 Na asase a mudi so nyinaa, momma kwan mma asase biara wura nsan ntɔ n’ade.+

25 “‘Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn n’agyapade bi a, ne busuani a ɔbɛn no nso mmɛtɔ nea ne nua no atɔn no.+ 26 Nanso sɛ onni busuani biara a obetumi asan atɔ na akyiri yi biribi ba ne nsam a ebetumi atua ka no a, 27 ɔnsese mfi afe a ɔtɔnee no na ɔmfa sika a aka biara mma nea ɔtɔɔ agyapade no, na ɔnsan mfa n’ade.+

28 “‘Na sɛ onni sika a ɔde bɛsan agye n’agyapade no a, ɛbɛkɔ so atena nea ɔtɔe no hɔ akosi Ahofadi afe+ no. Ahofadi afe no du a, n’agyapade no bɛsan abedi ne nsam.+

29 “‘Sɛ obi tɔn fie wɔ kurow a wɔato ho fasu mu a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’ade afe biako ntam. Afe biako na ɔwɔ hokwan sɛ obetumi abetua ka asan agye n’ade.+ 30 Nanso sɛ wantumi antɔ na afe so a, ofie a ɛwɔ kurow a ɔfasu wɔ ho mu yi bɛyɛ nea ɔtɔe no dea korakora, n’awo ntoatoaso nyinaa mu. Sɛ Ahofadi afe no du mpo a, ɛremfi ne nsam. 31 Nanso afie a ɛwowɔ nkuraase a afasu nni ho no de, wommu no sɛ ɛka afusase ho. Ofie no wura wɔ hokwan sɛ ɔsan tɔ n’ade,+ na sɛ amma saa mpo a, Ahofadi afe+ no du a, wobegyaa mu ama no.

32 “‘Na Lewifo afie a ɛwowɔ wɔn nkurow mu+ no de, sɛ wɔtɔn a, wɔwɔ hokwan sɛ wɔsan nya wɔn ade bio bere biara a wɔn ahoboa bɛso.+ 33 Sɛ ɛba sɛ Lewini bi ansan antɔ ne fie a watɔn wɔ kurow a odi so no mu a, ɛnde sɛ Ahofadi afe+ no so a, wobegyaa mu ama no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ Lewifo afie a ɛwowɔ wɔn kurom no ne agyapade a wɔde ama wɔn wɔ Israel.+ 34 Na wɔn nkurow ho mfikyisase+ a mmoa bedidi so no de, wɔrentumi ntɔn, efisɛ ɛyɛ agyapade a wɔde ama wɔn daa.

35 “‘Sɛ ehia wo nua ma ne ho kyere no+ a, boa no.+ Na ma ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otubrafo.+ 36 Nnye mfɛntom anaa apempensika mfi ne hɔ,+ na suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no ntena wo nkyɛn. 37 Woma no sika a, nnye mfɛntom,+ na woma no aduan a, nnye apempensika. 38 Mene Yehowa mo Nyankopɔn, na me na miyii mo fii Egypt asase so sɛ mede Kanaan asase+ bɛma mo na ama moahu sɛ mene mo Nyankopɔn.+

39 “‘Sɛ ehia wo nua na ɔtɔn ne ho ma wo+ a, mfa no nyɛ nkoadwuma.+ 40 Mmom ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔpaani+ anaa otubrafo. Na ɔnsom wo nkosi Ahofadi afe no so. 41 Afei ɔne ne mma nyinaa mfi wo nkyɛn nkɔ n’abusuafo nkyɛn, na ɔnsan nkɔfa agyapade a n’agyanom gyaw maa no+ no. 42 Wɔyɛ me nkoa a miyii wɔn fii Egypt asase so.+ Ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho sɛnea wɔtɔn akoa. 43 Nteetee no na nni n’ani,+ na suro wo Nyankopɔn.+ 44 W’akoa anaa w’afenaa befi amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no mu. Wɔn nkyɛn na ɛsɛ sɛ motɔ akoa anaa afenaa biara. 45 Afei nso mubetumi atɔ ahɔho a wɔabɛtena mo nkyɛn+ no bi mma anaa abusuafo a wɔanya wɔn wɔ mo asase so no bi na wɔabɛyɛ mo agyapade. 46 Wɔyɛ agyapade a mubegyaw ama mo mma na wɔayɛ wɔn dea daa.+ Momma wɔnyɛ adwuma mma mo, na mo nuanom Israelfo de, monhwɛ na moanteetee wɔn anni wɔn ani.+

47 “‘Na sɛ ɛba sɛ biribi ba ɔhɔho anaa otubrafo a ɔne wo te no nsam na ehia wo nua ma enti ɔtɔn ne ho ma ɔhɔho anaa otubrafo no anaa ɔhɔho no busuani bi a, 48 ne tɔn+ akyi no, hokwan wɔ hɔ sɛ wɔsan gye no.+ Ne nuanom mu biako betumi asan atɔ no afi hɔ.+ 49 Ne papa nua anaa ne papa nua ba anaa ne busuani biara+ betumi abetua agye no aba fie.

“‘Sɛ nso biribi ba ɔno ankasa nsam a, obetumi atua ka no ade ne ho.+ 50 Ɔne nea ɔtɔɔ no no mmu akontaa mfi bere a ɔtɔɔ no no nkosi bere a Ahofadi afe+ no bedu, na mfe dodow a ɛwom no na ɛbɛkyerɛ ne bo.+ Ɔne no nni sɛnea ɔne ɔpaani di.+ 51 Sɛ mfe a aka no dɔɔso a, ɛnde ɔnhwɛ nea aka no so na ɔnnan sika a wɔde tɔɔ no no bi mma nea ɔtɔɔ no no na onnye ne ho. 52 Sɛ nso aka mfe kakraa bi na Ahofadi afe+ no adu a, ɛnde ommu nea aka no ho akontaa. Na ɔnhwɛ mfe a aka no so ntua sika mma nea ɔtɔɔ no no na onnye ne ho. 53 Ɔne no nni te sɛ ɔpaani+ a ɔyɛ adwuma ma no afe afe. Nhwɛ mma ne wura nnteetee no.+ 54 Nanso sɛ wantumi annye ne ho saa kwan yi so mpo a, Ahofadi afe+ no bedu ama ɔne ne mma ade wɔn ho.

55 “‘Me na Israelfo yɛ me nkoa. Wɔyɛ me nkoa+ a miyii wɔn fii Egypt asase so.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena