10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+
16 Sɛ asase no bɛba abedi wo nsam mfe pii a, ɛsɛ sɛ ɔma ne bo kɔ soro,+ na sɛ ɛbɛyɛ mfe kakraa bi a, ɛsɛ sɛ ɔtew bo no so, efisɛ nnɔbae a wubenya wɔ so na ɔretɔn ama wo.