Mateo
8 Bere a osian fii bepɔw no so no nnipakuw kɛse dii n’akyi. 2 Na hwɛ! ɔkwatani+ bi bɛkotow no kae sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wubetumi ama me ho afi.” 3 Enti, ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.”+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔe.+ 4 Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara,+ na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo no,+ na fa ayɛyɛde+ a Mose hyɛ too hɔ no ma, na ayɛ adanse ama wɔn.”
5 Bere a ɔkɔɔ Kapernaum+ no, ɔsraani panyin bi baa ne nkyɛn bɛpaa no kyɛw 6 sɛ: “Owura, m’akoa yare mmubui da fie a ɔrehu amane kɛse.” 7 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ midu hɔ a mɛsa no yare.” 8 Ɔsraani panyin no bua see no sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fie, na wo de ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no. 9 Efisɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafo nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ ha!’+ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforo sɛ ‘Bra!’ na waba, ne m’akoa sɛ ‘Yɛ eyi!’ na wayɛ.” 10 Yesu tee saa no, ne ho dwiriw no na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: “Meka mo nokware sɛ, obiara nni Israel a mahu gyidi a ɛsõ saa wɔ ne mu.+ 11 Nanso mise mo sɛ nnipa bebree fi apuei fam ne atɔe+ fam bɛba na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidii wɔ ɔsoro+ ahenni+ no mu, 12 na ahenni mma+ no de, wɔbɛtow wɔn agu abɔnten wɔ sum mu. Ɛhɔ na wobesu atwɛre wɔn sẽ.”+ 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔsraani panyin no sɛ: “Kɔ. Sɛnea wo gyidi te no, ɛmmra mu saa ara mma wo.”+ Na akoa no ho tɔɔ no dɔn no ara mu.
14 Na bere a Yesu baa Petro fie no, ohui sɛ n’asebea+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti osoo ne nsa,+ na atiridii no gyaee no, na ɔsɔre fii ase som no.+ 16 Na eduu anwummere no, nkurɔfo de nnipa bebree a wɔwɔ adaemone brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare, 17 na nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no baa mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn ahoɔmmerɛw.”+
18 Bere a Yesu huu nnipakuw a atwa ne ho ahyia no, ɔhyɛɛ asuafo no sɛ wontwa nkɔ asuogya.+ 19 Na ɔkyerɛwfo bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, medi w’akyi akɔ baabiara a wobɛkɔ.”+ 20 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewim nnomaa wɔ mmerebuw, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛto.”+ 21 Afei osuani foforo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma me kwan ma minkosie me papa ansa.” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi, na ma awufo nsie wɔn awufo.”+
23 Na bere a ɔforoo ɔkorow no,+ n’asuafo no dii n’akyi. 24 Afei, hwɛ! ahum kɛse bi tui po no so, ma enti na asorɔkye no rekata ɔkorow no so; nanso ɔno de, na wada.+ 25 Na wokonyan+ no kae sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebewuwu!” 26 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Dɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidi sua?”+ Afei ɔsɔre teɛteɛɛ mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ 27 Enti mmarima no ho dwiriw wɔn na wɔkae sɛ: “Onipa bɛn+ na mframa ne po mpo tie no yi?”
28 Bere a oduu asuogya, wɔ Gadarafo*+ asase so no, mmarima baanu a wɔwɔ adaemone+ fi asiei behyiaa no, na na wɔn ani so yɛ krakra ara ma obiara nni akokoduru a ɔde betwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteɛteɛɛm kae sɛ: “Dɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ So wobaa ha sɛ worebɛhaw yɛn+ ansa na bere a wɔahyɛ no adu?”+ 30 Ná mprako bebree bi wɔ akyirikyiri redidi. 31 Enti adaemone no fii ase paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wutu yɛn a, ma yɛnkɔ mprako+ yi mu.” 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Wofii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa bɔɔ kirididi fii bepɔw no so koguu po no mu wuwui wɔ nsu no mu.+ 33 Na mmoahwɛfo no guanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔbɔɔ biribiara ho amanneɛ, a mmarima a wɔwɔ adaemone no ho asɛm ka ho. 34 Na hwɛ! kurow no mufo nyinaa fii adi sɛ wɔrekohyia Yesu; wohuu no no, wɔsrɛɛ no denneennen sɛ omfi wɔn mantam no mu nkɔ.+