Marko
7 Ɛnna Farisifo no ne akyerɛwfo bi a wofi Yerusalem aba no betwaa ne ho hyiae.+ 2 Na wohui sɛ n’asuafo no mu bi de nsa a ɛho ntew, kyerɛ sɛ, nsa a wɔnhohoroe,* didi+— 3 na Farisifo ne Yudafo no nyinaa de, mpanyimfo atetesɛm a wokura mu katee nti, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa ammesi wɔn batwɛw a wonnidi, 4 na sɛ wofi gua so ba a, wonnidi gye sɛ wɔapetepete nsu de adwira wɔn ho ansa; na wɔwɔ atetesɛm+ afoforo pii a wokura mu, nkuruwa ne mpɔre ne kɔberesɛn ahorow a wɔde nu nsu mu;+— 5 ɛnna Farisifo ne akyerɛwfo no bisaa no sɛ: “Dɛn nti na w’asuafo no nyɛ wɔn ade sɛnea mpanyimfo atetesɛm kyerɛ, na wɔde nsa a ɛho ntew didi?”+ 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm sɛnea wɔakyerɛw no,+ sɛ ‘Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.+ 7 Wɔsom me kwa, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ nnipa ahyɛde.’+ 8 Moagyaa Onyankopɔn mmara mu, na mukura nnipa atetesɛm mu.”+
9 Bio nso, ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mofa anifere kwan so de Onyankopɔn mmara+ to nkyɛn sɛnea mobɛkora mo atetesɛm so. 10 Sɛ nhwɛso no, Mose kae sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni,’+ afei ‘Ma nea ɔsopa ne papa anaa ne maame no nwu.’+ 11 Nanso mo de, moka sɛ, ‘Sɛ obi ka kyerɛ ne papa anaa ne maame sɛ: “Biribiara a mewɔ a anka wubenya ho mfaso afi me nkyɛn no yɛ korban+ (kyerɛ sɛ, akyɛde a wɔahyira so+ ama Onyankopɔn) a,”’— 12 Momma ɔnyɛ hwee mma ne papa anaa ne maame bio,+ 13 enti mode atetesɛm a mokyerɛkyerɛ no asɛe Onyankopɔn asɛm.+ Na moyɛ nneɛma bebree+ a ɛte sɛ eyi.” 14 Enti ɔfrɛɛ nnipakuw no baa ne nkyɛn bio ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa, muntie me, na monte ase.+ 15 Biribiara nni hɔ a efi abɔnten kɔ onipa mu a ebetumi agu ne ho fĩ; na nea efi onipa mu fi adi no na egu ne ho fĩ.”+ 16 ——
17 Afei bere a ofii nnipakuw no nkyɛn kɔɔ ofie bi mu no, n’asuafo no fii ase bisaa no mfatoho no ho asɛm.+ 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “So mo nso munni nhumu te sɛ wɔn anaa?+ So munnim sɛ biribiara nni hɔ a efi abɔnten kɔ onipa mu a ebetumi agu ne ho fĩ, 19 efisɛ ɛnyɛ ne koma mu na ɛkɔ, na mmom ne nsono mu, na ɛsen fi nipadua no mu?”+ Enti ɔkae sɛ nnuan nyinaa ho tew.+ 20 Bio nso ɔkae sɛ: “Nea efi onipa mu fi adi no na egu ne ho fĩ;+ 21 na onipa mu, ne koma mu,+ na nsusuwii bɔne fi ba: aguamansɛm,+ korɔnbɔ, awudisɛm,+ 22 awaresɛe, adifudepɛ,+ amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwisɛm,+ anibere, abususɛm, ahantan, ahuhusɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa fi onipa mu, na egu ne ho fĩ.”+
24 Afei ɔsɔre fii hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon mpɔtam hɔ.+ Na ɔkɔɔ ofie bi mu a wampɛ sɛ obiara behu. Nanso wantumi amfa ne ho ansie;+ 25 ankyɛ koraa na ɔbea bi a ne babea ketewa wɔ honhom fĩ tee ne nka, na ɔbɛhwee ne nan ase.+ 26 Ná ɔbea no yɛ Helani a ofi Foinike wɔ Siria; na ɔsrɛɛ no ara sɛ ontu adaemone no mfi ne babea no so.+ 27 Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma mmofra no mmee ansa, na ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛfa mmofra+ paanoo atow ama nkraman mma.”+ 28 Nanso ɔbea no bua see no sɛ: “Owura, ɛyɛ ampa nanso nkraman mma a wɔdeda adidipon ase no di mmofra+ no mporoporowa+ no.” 29 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Esiane nea woaka yi nti kɔ; adaemone no afi wo babea no so.”+ 30 Enti ofii hɔ kɔɔ ne fie kohui+ sɛ abofra kumaa no da mpa so a adaemone no afi no so.
31 Na ofi Tiro mpɔtam hɔ resan aba no, ɔfaa Sidon kɔɔ Galilea po ho kɔfaa Dekapoli mpɔtam.+ 32 Ɛha na wɔde ɔbarima bi a n’aso asiw a ontumi nkasa yiye brɛɛ no, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmfa ne nsa ngu no so.+ 33 Na ɔde no fii nnipadɔm no mu kɔɔ nkyɛn de ne nsateaa hyehyɛɛ ɔbarima no asom, na ɔtee ntasu de ne nsa kaa ne tɛkrɛma.+ 34 Na ɔhwɛɛ soro+ guu ahome+ kɛse kae sɛ: “Hefata,” kyerɛ sɛ, “Bue.” 35 Ɛnna n’asom buebuei+ na nea akyekyere ne tɛkrɛma no sanee, na ofii ase kasaa yiye. 36 Na ɔbaraa wɔn sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara;+ nanso ɔrebara wɔn no, afei mpo na na wɔreka ho asɛm akyerɛ.+ 37 Nokwarem no, wɔn ho dwiriw+ wɔn yiye ma wɔkae sɛ: “Wayɛ biribiara yiye. Ɔma asotifo mpo te asɛm na mum kasa.”+