Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 9/1 kr. 14-19
  • Onyamesom Pa Adi A Wobeyi Akyerɛ Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyamesom Pa Adi A Wobeyi Akyerɛ Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Soa W’adesoa’ A Ɛne Hwɛ A Wobɛhwɛ Wɔn
  • Abusua Mu Biakoyɛ
  • “Nyansa” Ne “Nhumu” Bere A W’awofo Tu Bɛtra Wo Nkyɛn
  • Beae A Wɔhwɛ Wɔn A Wɔn Mfe Kɔ Anim A Wɔde Wɔn Kɔ
  • Ademafo A Wɔtew Wɔn Anim, Wɔn A Wogye A Wɔn Anim Tew
  • Nea Yɛbɛyɛ De Ahwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo a Wɔn Ani Afi a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn No, Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 9/1 kr. 14-19

Onyamesom Pa Adi A Wobeyi Akyerɛ Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim

‘Ma mma anaa mmanana nsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ oyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.’​—1 Timoteo 5:4.

1, 2. (a) Henanom na Bible no kyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ aniberesɛm ama Kristoni sɛ obebu n’ani agu adwuma yi so?

BERE a na woyɛ abofra no, wɔyɛn wo na wɔbɔɔ wo ho ban. Bere a woayɛ ɔpanyin yi, wukogye afotu ne mmoa fi wɔn hɔ. Nanso mprempren wɔn mfe akɔ anim na wohia obi a ɔbɛboa wɔn. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”​—1 Timoteo 5:4, 8.

2 Yehowa Adansefo mpempem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Ɛnyɛ “ayamye” (The Living Bible) anaasɛ ɛyɛ wɔn “adwuma” (The Jerusalem Bible) nti na wɔyɛ saa, na mmom “onyamesom pa,” kyerɛ sɛ, ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn nti. Wonim sɛ obi awofo a ɔpow wɔn bere a ahia wɔn no bɛkyerɛ sɛ ‘wapa [Kristofo] gyidi no.’​—Fa toto Tito 1:16 ho.

‘Soa W’adesoa’ A Ɛne Hwɛ A Wobɛhwɛ Wɔn

3. Dɛn nti na obi awofo a ɔbɛhwɛ wɔn no betumi ayɛ adwumaden ankasa?

3 Awofo a wɔn mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ wɔn no abɛyɛ adwumaden, ne titiriw no, wɔ Atɔe Fam nsase so. Mmusua no mufo ntaa ntra faako. Nneɛma bo ayɛ den kɛse. Mmea awarefo taa yɛ honam fam nnwuma. Enti ɔwofo a ne mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ no no betumi ayɛ adwuma kɛse, ne titiriw, bere a nea ɔhwɛ no no ankasa anyin no. Onuawa biako a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ n’awofo mu biako ka sɛ: “Yɛwɔ yɛn mfe aduonum mu na yɛwɔ mmofra a wɔanyinyin ne mmanana a wɔn nso hia mmoa.”

4, 5. (a) Henanom na Bible no kyerɛ sɛ mpɛn pii wobetumi akyɛ hwɛ a wɔhwɛ wɔn no ho adesoa no? (b) Ɔkwan bɛn so na ebinom kwatii asɛyɛde a na wɔwɔ wɔ wɔn awofo ho no wɔ Yesu bere so?

4 Paulo kyerɛe sɛ “mma ne mmanana” betumi akyɛ asɛyɛde no. (1 Timoteo 5:4) Nanso ɛtɔ bere bi a, mmofra mpɛ sɛ ‘wɔbɛsoa wɔn adesoa’ a ɛne hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn no. (Fa toto Galatifo 6:5 ho.) Ɔpanyin biako nwiinwii sɛ: “Me nuabea panyin ayi ne nsa afi ho.” Nanso so ɔkwan a ɛte sɛɛ a obi bɛfa so no betumi asɔ Yehowa ani? Kae nea Yesu ka kyerɛɛ Farisifo bere bi no: “Mose kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni . . . Na mo de, muse: Sɛ onipa bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ: ade a anka wode benya me ho mfaso no yɛ Korban​—ɛne sɛ ayɛyɛde​—a, momma ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na bio, na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Onyankopɔn asɛm.”​—Marko 7:10-13.

5 Sɛ na Yudani bi mpɛ sɛ ɔbɛboa n’awofo a ahia wɔn a, nea ehia ara ne sɛ ɔbɛka sɛ n’agyapade yɛ “korban”​—akyɛde a wɔayi ato nkyɛn a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ asɔrefi. (Fa toto Leviticus 27:1-24 ho.) Nanso ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea ɔwɔ ɔhyɛ ase sɛ ɔde akyɛde yi bɛma ntɛm ara. Enti na n’agyapade betumi ayɛ ne dea (a akyinnye biara nni ho sɛ ɔde bedi dwuma) bere nyinaa. Nanso sɛ n’awofo hia sika fam mmoa a, obetumi akwati asɛyɛde a ɔwɔ no denam nyaatwom a ɔde bɛka sɛ nea ɔwɔ nyinaa yɛ “korban” no so. Yesu kasa tiaa saa nneyɛe bɔne yi.

6. Dɛn na ebetumi akanyan ebinom nnɛ ma wɔakwati adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wɔn awofo no, na so eyi sɔ Onyankopɔn ani?

6 Enti ɛnyɛ nea Kristoni a ɔde anoyi a ɛmfra kwati adwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no redaadaa Onyankopɔn. (Yeremia 17:9, 10) Ɛwom, sika fam ahokyere, ahoɔden a ɛsa ne nneɛma a ɛtete saa betumi abrɛ nea obi betumi ayɛ ama n’awofo no ase kɛse. Nanso ebia ebinom bebu wɔn ahode, bere, ne haw a wɔrempɛ sɛ wɔbɛhaw wɔn no asen wɔn awofo yiyedi. Nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ nyaatwom sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Asɛm akyerɛ nanso yɛnam nea yɛnyɛ mma yɛn awofo no so bɛma ‘ɛrenni mu.’

Abusua Mu Biakoyɛ

7. Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi ayɛ biako wɔ ɔwofo a ne mfe akɔ anim a wɔbɛhwɛ no no ho?

7 Abenfo bi kamfo kyerɛ sɛ, sɛ ɔhaw bi a ɛfa ɔwofo bi a ne mfe akɔ anim ho sɔre a, ɛsɛ sɛ abusua no yɛ nhyiam. Ebia ɛsɛ sɛ abusua no muni biako di asɛyɛde no mu fã kɛse ara ho dwuma. Nanso ɛdenam ‘agyina a wobetu’ wɔ kommyɛ mu ne ɔkwan pa so no, mmusua betumi ahu akwan horow a wɔbɛfa so akyɛ adwuma no. (Mmebusɛm 15:22) Wɔn mu binom a wɔtete mmeae a ɛhɔ ware betumi ayi sika de aboa na wɔabɛsra wɔn wɔ bere ne bere mu. Ebia afoforo nso betumi ayɛ fie nnwuma ahorow anaasɛ wobetua afoforo lɔre akatua. Awofo no a mobɛpene so akɔsra wɔn betumi ayɛ mmoa kɛse. Onuawa bi a wadi mfe bɛboro 80 no ka wɔ ne mma nsrahwɛ ho sɛ, “Ɛte sɛ aduru a ɛma ahoɔden!”

8. (a) So woyi abusua no mufo a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no fi kyɛfa a wobenya wɔ wɔn awofo a wɔbɛhwɛ wɔn no mu? (b) Ebinom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no adi wɔn awofo ho asɛyɛde no ho dwuma akodu he?

8 Nanso mmusua ahorow betumi ahyia ɔhaw a emu yɛ den bere a wɔn mu biako de ne ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no. Ɛnyɛ nea bere nyinaa asomfo de anoyi ma wɔ asɛyɛde a ɛte sɛɛ ho, na wɔn mu pii abɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛhwɛ wɔn awofo. Ɔmansin sohwɛfo bi ka sɛ: “Yɛansusuw sɛnea hwɛ a yɛbɛhwɛ yɛn awofo no betumi ayɛ den wɔ honam fam ne nkate mu no ho da, ne titiriw, bere a yɛrebɔ mmɔden wɔ bere koro no ara mu sɛ yebedi nea bere nyinaa som adwuma no hwehwɛ sɛ yɛyɛ no ho dwuma no. Nokwarem no, yɛadu baabi a aka kakraa bi na yɛapa abaw na yɛte nka sɛ yehia ‘tumi a ɛboro so.’” (2 Korintofo 4:7) Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so awowaw saafo no.

9. Nkuranhyɛ bɛn na wobetumi de ama wɔn a biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ sen sɛ wobegyae bere nyinaa som adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ wɔn awofo no?

9 Nanso ɛtɔ bere bi a, bere a abusua bi muni ahwehwɛ hokwan afoforo a ɛwɔ hɔ no nyinaa mu no, ohu sɛ biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ sen sɛ obegyae bere nyinaa som adwuma no. Ntease wom sɛ onii a ɔte sɛɛ no adwenem betumi ayɛ no naa wɔ fi a ɔsom mu hokwan ahorow a ɔwɔ no befi ne nsa no ho. Obi a wagyae asɛmpatrɛw adwuma no ka sɛ: ‘Yenim sɛ ɛyɛ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ Kristofo sɛ yɛbɛhwɛ me maame a ne mfe akɔ anim a ɔyare no. Nanso ɛtɔ bere bi a ɛyɛ nwonwa kɛse.’ Nanso kae sɛ ‘onyamesom pa a wubesuasua wɔ fie no sɔ Onyankopɔn ani.’ (1 Timoteo 5:4) Kae nso sɛ “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn” no. (Hebrifo 6:10) Awarefo bi a wɔagyae bere nyinaa som adwuma a wɔde mfe pii ayɛ no ka sɛ: “Sɛnea yehu no, ɛho hia kɛse mprempren sɛ yɛbɛhwɛ yɛn awofo te sɛ nea yɛbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no.”

10. (a) Dɛn nti na ebinom apatuw agyae bere nyinaa som adwuma no? (b) Ɛsɛ sɛ mmusua bu bere nyinaa som adwuma no dɛn?

10 Nanso ebia ebinom apatuw agyae efisɛ wɔn abusuafo kae sɛ: ‘Adwuma ne mmusua nkaa wo nhyɛe. Dɛn nti na wuntumi nhwɛ wo Papa ne wo Maame?’ Nanso so asɛnka adwuma no nyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ a wɔreyɛ nnɛ? (Mateo 24:14; 28:19, 20) Enti wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu reyɛ adwuma a ɛho hia. (1 Timoteo 4:16) Bio nso, Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn som betumi ayɛ nea ɛho hia titiriw sen abusuasɛm wɔ tebea horow bi mu.

11, 12. (a) Dɛn nti na Yesu tuu ɔbarima bi fo sɛ ‘ɔmma awufo nsie wɔn awufo’? (b) Nhyehyɛe bɛn na mmusua bi ayɛ bere a wɔn mu biako yɛ bere nyinaa som adwuma no?

11 Sɛ nhwɛso no, bere a ɔbarima bi ampene Yesu nsa a ɔto frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ n’akyidini no so na ɔkae sɛ: “Ma me kwan na minkosie m’agya ansa” no, Yesu buae sɛ: “Ma [honhom mu] awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!” (Luka 9:59, 60) Esiane sɛ na Yudafo sie wɔn awufo wɔ da a wowu no mu nti, ɛnyɛ nea ebetumi aba sɛ na ɔbarima no agya awu ankasa. Ɛda adi sɛ na ɔbarima no pɛ sɛ ɔne n’agya a ne mfe akɔ anim no tra ara kosi sɛ obewu. Nanso esiane sɛ na ɛda adi sɛ abusuafo afoforo wɔ hɔ a wobetumi ahwɛ no nti, Yesu hyɛɛ ɔbarima no nkuran sɛ “kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!”

12 Mmusua ahorow bi ahu saa ara sɛ, sɛ abusua no mufo nyinaa yɛ biako a, mpɛn pii wobetumi ayɛ nhyehyɛe ama obi a ɔde ne ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no anya hwɛ a wɔbɛhwɛ n’awofo no mu kyɛfa a ɔrennyae bere nyinaa som adwuma no. Sɛ nhwɛso no, bere nyinaa asomfo no mu binom boa wɔn awofo adapɛn awiei anaasɛ wɔ wɔn akwamma mu. Nea ɛyɛ anigye no, awofo a wɔn mfe akɔ anim kakraa bi na wɔaka sɛ wɔn mma nkɔ so nyɛ bere nyinaa som adwuma no bere a ɛma awofo no de wɔn ho bɔ afɔre kɛse mpo no. Yehowa behyira wɔn a wɔde Ahenni nneɛma di kan no kɛse.​—Mateo 6:33.

“Nyansa” Ne “Nhumu” Bere A W’awofo Tu Bɛtra Wo Nkyɛn

13. Ɔhaw ahorow bɛn na ebetumi aba bere a ɔwofo bi mma to nsa frɛ no sɛ ɔmmɛtra wɔn nkyɛn no?

13 Yesu yɛɛ nhyehyɛe maa ne maame a na ɔyɛ okunafo no kɔtraa n’abusuafo a na wɔyɛ gyidifo no nkyɛn. (Yohane 19:25-27) Adansefo pii ato nsa afrɛ wɔn awofo ma wɔatu abɛtra wɔn nkyɛn saa ara​—na ama wɔanya anigye ne nhyira horow pii. Nanso, asetra kwan a enhyia, bere a obi pɛ sɛ ne nkutoo de tra baabi a ɛnnɔɔso, ne akɔnhama a wɔbɛbɔ da biara no ho haw ma ɔwofo a wɔbɛma wabɛtra wɔn kyɛn no ma wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa no yɛ basaa. Ann a n’asebea yare no ka sɛ: “Mama a mehwɛ no no ama mayɛ basaa kɛse. Ɛtɔ bere bi a, me bo fuw mpo na meka nsɛm a enye kyerɛ no​—na ɛma mete afobu nka kɛse.”

14, 15. Ɔkwan bɛn so na “nyansa” ne “nhumu” betumi aboa ma ‘wɔasi’ abusua bi wɔ tebea horow yi mu?

14 Salomo kae sɛ “wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” (Mmebusɛm 24:3) Sɛ nhwɛso no, Ann abɔ mmɔden sɛ ɔbɛte n’asebea haw no ase kɛse. “Mema ɛtra m’adwenem sɛ ɔyare na biribi nti na ɔyɛ saa.” Nanso, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ.” (Yakobo 3:2) Nanso sɛ ntawntawdi sɔre a, da nyansa adi denam yawdi anaasɛ abufuw a woremma ɛmma so. (Efesofo 4:31, 32) Monka asɛm no sɛ abusua na monhwehwɛ akwan a mobɛfa so agyae nsɛm mu asiesie anaasɛ mobɛyɛ nsakrae.

15 Nhumu nso boa ma obi tumi di nkitaho yiye. (Mmebusɛm 20:5) Ebia ɛyɛ den ma ɔwofo bi sɛ ɔbɛyɛ nsakrae ma ɛne nneɛma a wɔyɛ wɔ ofi foforo a wakɔ mu no mu bere nyinaa no ahyia. Anaasɛ esiane sɛ ebia ontumi nsi gyinae yiye nti, ɛnyɛ nea ɔpɛ sɛ ɔbɛboa. Wɔ tebea horow bi mu no, ebia biribiara nni hɔ a wubetumi ayɛ sen sɛ wobɛma wayɛ nea woka no. (Fa toto Genesis 43:6-11 ho.) Onuawa biako ka sɛ: “Sɛ manka ankyerɛ me maame sɛ dabi a, obedi ne sika nyinaa.” Nanso ɔpanyin bi hu sɛ ɛtɔ bere bi a, obetumi de ɔdɔ a ne maame wɔ ma no adi dwuma. “Mpɛn pii sɛ nneɛma a me ne no susuw ho amma asɛm no anyɛ yiye a, meka tiawa sɛ, ‘Mama, mesrɛ wo yɛ ma me kɛkɛ, na otie.”

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ okunu a ɔwɔ ɔdɔ da “nhumu” adi wɔ ne yere ho? Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ saa?

16 Esiane sɛ ɔyere na ɔtaa yɛ hwɛ a wɔhwɛ wɔn no ho adwuma no mu fã kɛse ara nti, okunu a ɔwɔ nhumu bɛhwɛ sɛ ɔremma ɔmmrɛ wɔ nkate mu, honam mu, anaasɛ honhom mu. Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Dɛn na okunu betumi ayɛ na ama ne yere asan anya anigye? Onuawa biako ka sɛ: “Sɛ me kunu ba fie a, ɔde ne nsa to me kɔn mu na ɔka sɛnea ɔwɔ anisɔ kɛse ma me no ho asɛm kyerɛ me. Sɛ na ɔnnka me ho a, anka mintumi nyɛ!” (Efesofo 5:25, 28, 29) Okunu betumi ne ne hokafo no asua Bible no nso na ɔne no abɔ mpae daa. Yiw wɔ tebea horow a emu yɛ den yi mu mpo no, wobetumi ‘asi’ abusua bi.

Beae A Wɔhwɛ Wɔn A Wɔn Mfe Kɔ Anim A Wɔde Wɔn Kɔ

17, 18. (a) Dɛn na wɔahyɛ mmusua bi ma wɔayɛ? (b) Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, ɔkwan bɛn so na mmofra a woanyin betumi aboa wɔn awofo ma wɔayɛ nsakrae?

17 Onyin ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Edu baabi a, abusua no nni nimdeɛ a emu dɔ anaasɛ sika a ɛbɛma wɔakɔ so ama [ɔwofo] no atra fie.” Okunu biako ka sɛ: “Eduu baabi a me yere ahoɔden so tewee esiane mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛhwɛ Mama nnɔnhwerew 24 da biara no nti. Na biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ sen sɛ yɛde Mama bɛkɔ akɔtra baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Nanso ɛyɛɛ yɛn yaw wɔ yɛn komam sɛ yɛbɛyɛ eyi.”

18 Ebia hwɛ a wɔhwɛ wɔn wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bɛyɛ nea eye sen biara wɔ saa tebea no mu. Nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde wɔn akɔto saa mmeae no taa yɛ basaa na wɔte nka sɛ wɔapow wɔn. Onuawa bi a yɛbɛfrɛ no Greta ka sɛ: “Yɛde boasetɔ kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi no mu kyerɛɛ Mama. Wasua sɛnea ɔbɛyɛ nsakrae na mprempren obu beae hɔ sɛ fie.” Sra a wobɛkɔ akɔsra w’awofo daa no nso bɛma ayɛ mmerɛw ama wɔn wɔ nsakrae a wɔbɛyɛ no mu na ama woada nokware a ɔdɔ a wowɔ ma wɔn no yɛ no adi. (Fa toto 2 Korintofo 8:8 ho.) Wɔ baabi a ɔkwan no ware no, wo ne wɔn nni nkitaho denam telefon, krataa, ne bere ne bere mu nsrahwɛ so. (Fa toto 2 Yohane 12 ho.) Nanso, wiasefo mu a obi bɛtra no nso wɔ ne haw ahorow. Ma ‘wɔn honhom mu nneɛma ho nhia wo.’ (Mateo 5:3) Greta ka sɛ: “Yɛde nneɛma a Mama bɛkenkan ma no na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ honhom mu nneɛma ho nkɔmmɔ sɛnea yebetumi.”

19. (a) Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma bere a wɔrepaw hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no? (b) Ɔkwan bɛn so na mfaso wɔ so ma Kristoni sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de ahwɛ ɔwofo bi?

19 The Wall Street Journal bɔɔ nhwehwɛmu bi a ɛfa baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim 406 a ɛwɔ U.S. a “wobuu emu bɛyɛ anum mu biako biara sɛ ɛyɛ asiane kɛse ma wɔn a wɔte hɔ no na ɛkame ayɛ sɛ emu fã pɛ na edu ɛho gyinapɛn ahorow ho” no ho amanneɛ. Nea ɛyɛ awerɛhow no, amanneɛbɔ a ɛte sɛɛ yɛ nea abu so kɛse. Enti sɛ hwɛ a wabɛhwɛ wɔn wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho hia a, fa ahwɛyiye paw mu biako. W’ankasa kɔhwɛ hɔ sɛ ebia ɛhɔ tew, wosiesie beae hɔ yiye, adwumayɛfo a wɔfata wɔ hɔ, ɛhɔ te sɛ fie na wɔde aduan a ɛdɔɔso ma anaa. Hwɛ sɛnea wɔhwɛ w’awofo no yiye sɛnea wubetumi. Yɛ wɔn okyigyinafo na boa wɔn ma wɔnkwati nsɛm tebea horow a enye a ebetumi asɔre, ebia nea ɛfa wiase no nnapɔnnadi ne ahomegye ho. Ɛdenam nea wubetumi biara a wobɛyɛ na ama wɔahwɛ w’awofo wɔ ɔkwan a eye sen biara so wɔ saa tebea no mu so no, wubetumi ade wo ho afi afobu nka a wobɛte a anka ebetumi ahaw wo no ho.​—Fa toto 2 Korintofo 1:12 ho.

Ademafo A Wɔtew Wɔn Anim, Wɔn A Wogye A Wɔn Anim Tew

20. Dɛn nti na ɛho hia sɛ mmofra bɛyɛ ademafo a wɔn anim tew?

20 Kristoni ɔbea bi ka wɔ n’awofo a ɔhwɛ wɔn no ho sɛ: “Ayɛ nea ɛyɛ den. Ná ɛsɛ sɛ menoa aduan ma wɔn, misiesie wɔn ho, midi su a wosu ho dwuma, na mesesa wɔn mpasotam bere a na wontumi nyɛ hwee no.” Ne kunu ka sɛ: “Nanso biribiara a yɛayɛ ama wɔn no, yɛde anigye​—anim tew na ɛyɛe. Yɛabɔ mmɔden denneennen sɛ yɛremma yɛn awofo no nte nka sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛhwɛ wɔn.” (2 Korintofo 9:7) Mpɛn pii wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mpɛ sɛ wobegye mmoa atom na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama afoforo. Enti su a woda no adi no ho hia kɛse.

21. (a) Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ayɛ nnipa a wode anim tew gye ade? (b) Dɛn nti na nyansa wom ma ɔwofo sɛ obedi kan ayɛ ne nkwakoraabere ho nhyehyɛe?

21 Wɔ bere koro no ara mu no, su a awofo yi adi no nso ho hia. Onuawa biako ka sɛ: “Na biribiara a meyɛ ma Mama no nyɛ nea ɛsɔ n’ani.” Enti, awofo, munkwati nneɛma a ntease nnim a mobɛyɛ anaasɛ nneɛma pii a mubebisa. Anyɛ yiye koraa no, Bible no ka sɛ “ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.” (2 Korintofo 12:14) Awofo binom sɛe wɔn ahode na wɔba bɛyɛ adesoa ma wɔn mma. Nanso, Mmebusɛm ka sɛ: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.” Enti awofo betumi adi kan ayɛ wɔn nkwakoraabere anaasɛ mmerewabere ho nhyehyɛe akodu baabi a wobetumi, ayi sika ato hɔ na wɔayɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn no ho nhyehyɛe bi.​—Mmebusɛm 21:5.

22. Ɛsɛ sɛ obi bu mmɔden a ɔbɔ de hwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim no dɛn?

22 Paulo ka no yiye bere a ɔkae sɛ obi awofo a ɔbɛhwɛ wɔn no te sɛ “akatua a ɛfata” no. (1 Timoteo 5:4, NW) Onuabarima biako ka sɛ: “Mama hwɛɛ me mfe 20. Dɛn na matumi ayɛ a ɛte saa?” Ɛmmra sɛ eyi bɛkanyan Kristofo a wɔwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim nyinaa saa ara ma ‘wɔasua onyamesom pa wɔn fi’ a wonim sɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wodi wɔn awofo ni bɔ sɛ: “Wo nna bɛware asase so” no betua wɔn ka kɛse.*​—Efesofo 6:3.

Emu Nsɛntitiriw a Ɛsɛ sɛ Wokae

◻ Ɔkwan bɛn so na ebinom a wɔtraa ase wɔ Yesu bere so no hwehwɛe sɛ wobekwati wɔn asɛyɛde a wɔwɔ wɔ wɔn awofo ho no?

◻ Henanom na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no, na dɛn ntia?

◻ Ɔhaw ahorow bɛn na mmusua betumi ahyia bere a ɔwofo tu bɛtra wɔn nkyɛn no, na wobɛyɛ dɛn adi so?

◻ Dɛn nti na ebia hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho behia, na ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa awofo ma wɔatumi atra hɔ?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Wobetumi ayɛ abusua nhyiam de asusuw sɛnea wɔbɛkyɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ ɔwofo bi no ho

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Sɛ hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn wɔ baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho hia a, daa nsrahwɛ ho hia ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nkate ne honhom mu yiyedi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena