Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 8/1 kr. 25-29
  • Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Abusua mu Asɛyɛde a Ɛho Hia Paa Wɔ Hɔ No
  • Wɔn Asɛyɛde Ho Dwuma a Wodi
  • Mmoa a Abusuafo De Ma
  • Awofo a Wofi Wɔn Pɛ mu Kyɛ Yehowa Ade
  • Asafo Ahorow a Wɔboa
  • Onyamesom Pa Adi A Wobeyi Akyerɛ Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔsom Kronn Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 8/1 kr. 25-29

Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow

ƐNSƐ sɛ yebu ɔsom kronn mu dwumadi ahorow adewa. Bere a tete Yudafo asɔfo yɛɛ anibiannaso wɔ hokwan a wonya de som wɔ Yehowa asɔrefie hɔ no ho no, ɔkaa wɔn anim denneennen. (Malaki 1:6-14) Na bere a Israelfo binom hyɛɛ Ahotuafo no sɛ wɔmfa asɛyɛde ahorow a wɔagye wɔ ɔsom kronn a wɔde ma mu no nni agoru no, Yehowa kaa saa Israelfo abɔnefo no anim. (Amos 2:11-16) Nokware Kristofo nso de wɔn ho hyɛ ɔsom kronn mu, na wobu no aniberesɛm. (Romafo 12:1) Ɔsom kronn yi gu ahorow pii, na ebiara ho hia.

Bere a na Yesu da so wɔ asase so a n’akyidifo ka ne ho no, ɔtetee wɔn sɛ Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo. Bere rekɔ so no, na wɔn asɛm no bedu asase ano nohɔ. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Asɛnka yi abɛyɛ ade a egye ntɛmpɛ paa nnɛ, bere a nneɛma nhyehyɛe yi adu ne nna a edi akyiri mu no.

Yehowa Adansefo nyinaa nya adwuma yi mu kyɛfa. Wɔn mu ɔpehaha pii ani gye ho sɛ wotumi yɛ saa sɛ akwampaefo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nnwuma a ɛho hia wɔ wiase nyinaa dwumadi no mu nti, mpempem pii atu wɔn ho ama reyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw wɔ Betel, wɔ akwantu adwuma no mu sɛ́ amansin ne amantam so ahwɛfo, anaa wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. Dɛn na ebehia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtoa ɔsom adwuma titiriw a ɛte saa no so no yɛ wɔ eyi ho?

Bere a Abusua mu Asɛyɛde a Ɛho Hia Paa Wɔ Hɔ No

Mpɛn pii no, ansa na obi betumi afi bere nyinaa som adwuma titiriw ase no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae bi wɔ ne nsɛm tebea mu. Ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ eyi. Ebia Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a obi wɔ dedaw no ntumi mma ɛnyɛ yiye. Nanso sɛ ɛba sɛ abusua mu asɛyɛde a egye ntɛmpɛ bɛtɔ wɔn a wɔwɔ ɔsom adwuma titiriw mu dedaw no so, te sɛ ebia nea ɛfa awofo a wɔn mfe akɔ anim ho nso ɛ? Bible nnyinasosɛm ahorow ne afotu ahorow te sɛ nea edidi so yi de akwankyerɛ a ɛho hia ma.

Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asetra nyinaa gyina yɛne Yehowa ntam abusuabɔ so. (Ɔsɛnkafo 12:13; Marko 12:28-30) Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu kɛse ma akronkronne a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Luka 1:74, 75; Hebrifo 12:16) Bere bi, Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima bi a na ehia sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ nneɛma a ɔde di kan mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka mu denneennen. Ɛda adi sɛ na ɔbarima no pɛ sɛ otu saa dwumadi no hyɛ da kosi sɛ ne papa bewu. (Luka 9:59, 60) Bere koro no ara nso, Yesu daa no adi sɛ ɛnyɛ adwempa sɛ obi bɛka sɛ wahyira ne biribiara so ama Onyankopɔn ma enti “ɔnyɛ biribi mma n’agya anaa ne na.” (Marko 7:9-13) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛe sɛ ɛyɛ asɛyɛde a anibere wom sɛ obi bɛhwɛ “n’ankasa ne nnipa,” a n’awofo ne ne nananom ka ho.—1 Timoteo 5:3-8.

So eyi kyerɛ sɛ sɛ tebea a egye ntɛmpɛ sɔre a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔsom adwuma titiriw mu no gyae wɔn adwuma no kɔhwɛ wɔn nkurɔfo? Mmuae no gyina nneɛma pii so. Obi nsi ho gyinae mma obi. (Galatifo 6:5) Nnipa pii ate nka sɛ ɛmfa ho sɛnea wɔn ani gye wɔn dwumadi no ho no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔtra wɔn awofo ho na wɔma wɔn mmoa a ɛho hia. Dɛn ntia? Ebia na tebea no mu yɛ den, na obusuani foforo biara nni hɔ a obetumi aboa, anaa asafo no mufo ntumi mfa mmoa a ɛho hia no mma. Ebinom atumi ayɛ akwampaefo bere a wɔde mmoa a ɛte saa rema no. Afoforo nso atumi afi bere nyinaa som adwuma titiriw no ase bio bere a wodii wɔn abusua mu asɛyɛde no ho dwuma wiei no. Nanso, wɔ nsɛm pii mu no, wotumi di tebea no ho dwuma akwan foforo so.

Wɔn Asɛyɛde Ho Dwuma a Wodi

Sɛ asɛyɛde a ɛho hia paa sɔre a, ebinom a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw mu no tumi di saa asɛyɛde no ho dwuma a wonnyae wɔn dwumadi no. Susuw ɛho nhwɛso pii no mu kakraa bi ho hwɛ.

Awarefo bi a wɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no fii Betel som adwuma no ase wɔ 1978 mu bere a na wɔanya ɔmansin ne ɔmantam adwuma no mu kyɛfa dedaw no. Onua no di asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma wɔ teokrase ahyehyɛde no mu. Nanso na n’awofo nso hia mmoa. Afe biara, awarefo a wɔwɔ Betel yi kɔsra awofo no mprɛnsa anaa mpɛn anan—a wɔn kɔ ne wɔn ba bɛyɛ kilomita 3,500—de kɔhwɛ wɔn. Wɔn ankasa sii fie de dii awofo no ahiade ahorow ho dwuma. Ɛtɔ mmere bi a, wɔbɔ hwii kɔhwɛ wɔn yare. Ɛkame ayɛ sɛ wɔde wɔn mfe 20 akwamma bere nyinaa adi asɛyɛde yi ho dwuma. Wɔdɔ awofo no na wodi wɔn ni, nanso ɔsom kronn hokwan a wɔwɔ no nso som bo ma wɔn.

Onua bi a ɔno nso de mfe 36 ayɛ akwantu adwuma no hyiaa tebea bi a ɔkaa ho asɛm sɛ n’asetram tebea a emu yɛ den sen biara. Ná ɛho hia sɛ n’ase bea a wadi mfe 85, na ɔde nokwaredi resom Yehowa no, nya obi a ɔne no bɛtra ahwɛ no. Saa bere no, ne mma no mu dodow no ara tee nka sɛ wontumi nnye no ntra wɔn nkyɛn. Obusuani bi ka kyerɛɛ ɔhwɛfo kwantuni no sɛ ɔne ne yere nnyae saa som adwuma no, na wonsi abusua no ananmu nhwɛ ne maame. Nanso, awarefo no annyae wɔn som adwuma a ɛsom bo no, na saa ara nso na wɔammu wɔn ani angu ɛna no ahiade so. Mfe akron a edii hɔ mu no, na ɔka wɔn ho mpɛn pii. Mfiase no, na wɔte dan a wɔde sɔ kar so kyinkyin mu, na afei wɔtraa adan a amansin no de maa wɔn mu. Wɔ bere tenten mu no, onua no a saa bere no na ɔyɛ ɔmantam sohwɛfo no toaa so tutuu akwan kodii n’asɛyɛde ahorow ho dwuma bere a ne yere nso traa ne maame nkyɛn fi ɔdɔ mu hwɛɛ no bere nyinaa. Dapɛn biara sɛ ne kunu pɔn nhyiam Kwasida a, otu kwan tenten bɛboa wɔn. Nnipa pii a na wonim sɛnea tebea no te no kyerɛɛ nea na awarefo yi reyɛ no ho anisɔ kɛse. Bere kɔɔ so no, ɛkaa abusuafo foforo nso ma wɔde mmoa mae. Yehowa nkurɔfo mpempem pii kɔ so nya awarefo a wɔwɔ ahofama honhom no som adwuma no mu mfaso esiane sɛ wɔkɔɔ so yɛɛ wɔn bere nyinaa som adwuma titiriw no nti.

Mmoa a Abusuafo De Ma

Sɛ abusuafo ani sɔ ɛbo a bere nyinaa som adwuma titiriw no som a, wobetumi aboa ama anyɛ yiye koraa no, wɔn mu binom ayɛ bi.

Mmoa a abusuafo de ma saa no ayɛ mfaso ama Canadafo awarefo bi a wɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Afrika Atɔe fam no. Wɔantwɛn ankosi sɛ tebea a egye ntɛmpɛ bɛsɔre ansa, na wɔanto wɔn adwenem anka sɛ biribiara rensi. Ansa na wɔrekɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu akogye ntetee akɔyɛ adwuma wɔ amannɔne no, okunu no ne ne nuabarima kumaa susuw nea sɛ ɛba sɛ wɔn maame yare anaa odi dɛm a, wɔbɛyɛ no ho. Esiane sɛ na ne nuabarima kumaa no dɔ wɔn maame na afei nso asɛmpatrɛw adwuma no som bo ma no nti, ɔkae sɛ: “Seesei mewɔ yere ne mma. Mintumi ntu kwan nkɔyɛ nea moreyɛ no. Enti sɛ biribiara to Maame a, me na mɛhwɛ no.”

Awarefo bi a wɔsom wɔ Amerika Anafo fam no nyaa mmoa pii fii ɔyere no abusuafo hɔ ma wɔhwɛɛ ne maame a ne mfe akɔ anim no. Ne nuabea bi ne ne kunu hwɛɛ ɛna no kosii sɛ ne nuabea no yaree denneennen. Dɛn na esii wɔ ɛno akyi? Sɛnea ɛbɛyɛ na obiara koma rentu no, ne nuabea no kunu kyerɛwee sɛ: “Bere tenten a me ne mmofra no te ase de, ɛho renhia sɛ mugyae mo asɛmpatrɛw adwuma no da.” Wonyaa abusuafo hɔ mmoa foforo bere a ɔbea no nuabea foforo ne ne kunu tɔn wɔn fie kɔtraa baabi a na ɛna no te na ama wɔatumi ahwɛ no no, na wɔyɛɛ saa kosii sɛ owui. Hwɛ biakoyɛ honhom ara a wɔdaa no adi! Ná wɔn nyinaa reboa ama asɛmpatrɛw adwuma no akɔ so.

Awofo a Wofi Wɔn Pɛ mu Kyɛ Yehowa Ade

Awofo taa da anisɔ a emu yɛ den adi ma ɔsom kronn. Wɔn agyapade ahorow a ɛsom bo sen biara a wobetumi de ayi Yehowa ayɛ no mu biako ne wɔn ankasa mma. (Mmebusɛm 3:9) Kristofo awofo pii hyɛ wɔn mma nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Na wɔn mu binom te nka te sɛ Hana a ɔde ne ba Samuel kɔmaa Yehowa sɛ ɔnsom no “daa,” kyerɛ sɛ, “ne nna a ɔbɛtra ase nyinaa” no.—1 Samuel 1:22, 28.

Awofo a wɔte saa no biako kyerɛw kɔmaa ne babea wɔ Afrika sɛ: “Yɛda Yehowa ase wɔ hokwan nwonwaso a woanya no ho. Biribiara ne no nsɛ.” Na bere foforo nso ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ ɛyɛ yɛn yaw sɛ yɛn mu atetew de, nanso hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛnea Yehowa hwɛ wo so no!”

Bere a ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Ecuador kaa tebea horow a ɛbae a ɛma ɛho behiae sɛ wɔde mmoa a ɛfata ma n’awofo a wɔn mfe akɔ anim ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Misusuw sɛ mmoa a ɛsen biara a me ne me yere nyae ne me papa mpaebɔ. Ne wu akyi no, me maame ka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Da koro koraa antwam a wo papa ammɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma mo baanu nkɔ so nyɛ mo som adwuma no.’”

Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ California, U.S.A., no ani gyei sɛ wɔn mmabarima no mu biako wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Bere a ɛna no wui no, na saa ɔbabarima no ne ne yere wɔ Spain. Abusua no mufo foforo tee nka sɛ ehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe bi de hwɛ ne papa no. Esiane sɛ na wɔn ani abere reyɛ honam fam adwuma na wɔretete mma nti, na wɔte nka sɛ wontumi nni saa asɛyɛde no ho dwuma. Mmom no, wɔkaa no denneennen sɛ awarefo a na wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw mu no nsan mmara fie mmɛhwɛ papa no. Nanso, ɛmfa ho sɛ na agya no adi mfe 79 no, na ɔda so ara wɔ akwahosan pa, na na n’ani da hɔ wɔ honhom mu. Wɔ abusua nhyiam bi ase no, bere a nnipa pii akyerɛ wɔn adwene awie no, agya no sɔre gyinaa hɔ kaa no pen sɛ: “Mepɛ sɛ wɔsan kɔ Spain kɔtoa adwuma no so.” Wɔyɛɛ saa, nanso wɔboaa no wɔ akwan pɔtee bi so. Mprempren wɔreyɛ ɔmansin adwuma wɔ Spain. Saa abusua nhyiam no akyi no, abusuafo foforo akyerɛ nea awarefo a wɔresom wɔ amannɔne no reyɛ no ho anisɔ. Mfe bi akyi no, mmabarima no mu biako kɔfaa agya no kɔtraa ne fie hwɛɛ no kosii sɛ owui.

Wɔ Pennsylvania, U.S.A. no, na nkaefo no biako a wayɛ akwampae adwuma bɛyɛ mfe 40 no adi boro mfe 90 bere a ne yere yaree denneennen na owui no. Ná ɔwɔ babarima biako ne mmabea baasa, ne honhom fam mma pii. Ná ne mmabea no biako ayɛ bere nyinaa som adwuma bɛboro mfe 40, na na ɔne ne kunu ayɛ asɛmpatrɛw adwuma, akwantu adwuma no, ne Betel adwuma. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔde mmoa a ɛfata ama ne papa. Anuonom a wɔwɔ hɔ no nso boae denam nhyiam ahorow a wɔde no kɔe wɔ Ahenni Asa so no so. Akyiri yi, bere a ɔbea no kunu wui no, obisaa ne papa sɛ omfi Betel na ɔmmɛhwɛ no anaa. Obu akronkronne paa, enti ɔtee nka sɛ wobetumi adi n’ahiade no ho dwuma wɔ akwan foforo so. Enti obuae sɛ: “Ade a mempɛ sɛ woyɛ koraa ne no, na sɛ me nti na woyɛ saa a, ɛno koraa na enye.”

Asafo Ahorow a Wɔboa

Asafo ahorow bi aboa kɛse ama wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw mu no ahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no. Titiriw no, wɔn ani sɔ wɔn a wɔde mfe pii ayɛ adwuma a ɛte saa no. Bere a asafo ahorow yi ntumi nnye wɔn asɛyɛde a Kyerɛwnsɛm de ato wɔn so mfi wɔn nsam no, wɔyɛ pii ma adesoa no mu yɛ hare sɛnea ɛsɛ na mma no annyae wɔn som adwuma titiriw no.

Bere a awarefo bi a wofi Germany de bɛyɛ mfe 17 ayɛ ɔsom adwuma wɔ amannɔne, de saa bere no fã kɛse ayɛ akwantu adwuma no, mmoa ho behiaa ɔbarima no maame a ne mfe akɔ anim no denneennen. Afe biara na wɔde wɔn akwamma bere kɔboa no. Adansefo a na wɔte bɛn hɔ no nso fi ɔdɔ mu boae. Afei bere bi a na awarefo a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu no wɔ ɔbarima no maame hɔ a ne tebea mu ayɛ den paa no, ɛhɔ asafo no mu mpanyimfo yɛɛ nhyehyɛe ne wɔn hyiae. Ná wɔahu nea daa, awarefo no yɛ ma maame no. Afei nso na wɔn ani sɔ ɔsom adwuma titiriw a awarefo no reyɛ no. Enti mpanyimfo no de nhyehyɛe bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ de hwɛ maame no too wɔn anim kae sɛ: “Nea mubetumi ayɛ de ahwɛ no ara na moreyɛ yi; yɛbɛboa mo ma moakɔ so ayɛ mo som adwuma no wɔ Spain.” Mfe ason a atwam ni no, mpanyimfo yi akɔ so ayɛ saa.

Saa ara na onua bi a wayɛ ɔsom adwuma no wɔ Senegal fi 1967 no nyaa mmoa pii a efi ɔdɔ mu fii asafo a na ne papa wom no hɔ. Bere a ɔhaw bi bae no, ɔbea a ɔdɔ ne kunu no fi ne pɛ mu penee so ma ne kunu nkutoo tuu kwan kɔɔ United States kɔboaa ɔno barima no awofo. Ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔtra hɔ asram pii. Na asɛm no yɛ den, nanso bere a ɔyɛɛ nea obetumi no, asafo no besoo mu boae, ma otumi san kɔtoaa n’asɛmpatrɛw adwuma no so. Asafo no nam akwan horow pii so fi ɔdɔ mu de mmoa mae mfe 18; nea edi kan no, wɔboaa agya no (ɛwom mpo sɛ na onhu wɔn mu dodow no ara bio de), na afei wɔboaa ɛna no nso. So ɛno maa ɔbabarima no faa ne ho dii wɔ n’asɛyɛde ho? Dabi; na ɔtaa tu kwan fi Senegal, na ɔde n’akwamma bere kɔ hɔ de mmoa a obetumi de ama nyinaa kɔma. Nanso na asafo no mufo pii ani agye sɛ wɔreboa awarefo a wɔyɛ adwumaden no ama wɔakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma titiriw wɔ Senegal.

Yesu kae sɛ wɔn a asɛmpa no nti, wogyaw biribiara no, bɛba abenya nuabarimanom, nuabeanom, ɛnanom, ne mmofra mmɔho ɔha. (Marko 10:29, 30) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ Yehowa asomfo mu. Eyi baa mu wɔ ɔkwan soronko so maa awarefo bi a mprempren wɔsom wɔ Benin, Afrika Atɔe fam, bere a Adansefo baanu bi a wɔwɔ wɔn awofo asafo mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonnyae wɔn awofo hwɛ mma wɔn no. Wɔde kaa ho sɛ: “Mo awofo yɛ yɛn nso awofo.”

Yiw, yɛwɔ akwan pii a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛwɔ obu kɛse ma ɔsom kronn hokwan ahorow. So akwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ no kɛse mpo?

[Kratafa 26 mfonini ahorow]

Wɔatu wɔn ho asi hɔ ama bere nyinaa som adwuma titiriw no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena