Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
1 Sɛ wo ne wɔn a mprempren wɔyɛ bere-nyinaa asomfo anaa wɔn a wɔayɛ bi pɛn bɔ nkɔmmɔ a, ɛda adi sɛ saa adwuma yi ayɛ nea nhyira wom ma wɔn na wɔn suahu nyinaa yɛ anigye ne nea ɛma akomatɔyam nkutoo.
2 Bere a ɔde bosome biako yɛɛ bi akyi no, ɛnã bi a ɔwɔ mmofra baanu kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ bosome a m’ani gyei wɔ mu kɛse a mekae no ho. Bere a wɔde akwampaefo aboafo nhyehyɛe no bae no m’ani gyei yiye efisɛ afei de metumi ayɛ akwampaefo boafo bosome biara.”
3 Onua bi a nnansa yi ara na ɔwaree na ɔne ne yere yɛ daa akwampaefo kae sɛ: “Me ne me yere pɛ sɛ yɛka anigye a yɛabenya bere a yɛbɛyɛɛ akwampaefo no kyerɛ mo!” Ɔbea warefo bi nso kyerɛwee sɛ: “Bɛyɛ mfe abien a atwam ni no me ne me kunu ani agye wɔ ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no mu sɛ daa akwampaefo. Ayɛ ahobammɔ kɛse ama yɛn na ɛde nhyira pii abɛka yɛn asetra ho. Ebia nea ama m’ani agye kɛse ne sɛ me ne me kunu nyinaa atumi de yɛn ho ahyɛ akwampaefo adwuma no mu. Ayɛ mfitiase pa ama yɛn aware no, atwe yɛn abɛn yɛn ho yɛn ho, na ama yɛabɛn Yehowa yiye. Yentumi nkan nhyira horow a yɛn nsa aka no.”
4 Ɔkwampaefo bi kyerɛwee sɛ: “Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛyɛ akwampaefo boafo bosome biako pɛ, na meyɛe nso. Nanso m’ani gyei ara ma na mintumi nnyae. Sɛnea ɛbɛyɛ na metumi aboa anigyefo no nyinaa na mayɛ Bible adesua ahorow a minyae no, ɛho behiae sɛ mekɔ so yɛ ɔkwampaefo.” Ɔkwampaefo foforo kae sɛ: “Nea ɛma minya anigye pii ne sɛ me nsa bɛka anigyefo na me ne wɔn ayɛ Bible adesua bere biara.”
5 Bere a onuawa kunafo bi a wadi mfe aduosia biako de mfe anum atra bere nyinaa som adwuma no mu no, ɔkae sɛ: “Meda Yehowa ase yiye wɔ saa bere tiaa yi ho. Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ meka kyerɛ mo efisɛ saa bere yi de anigye ne akomatɔyam abrɛ me ankasa. Mebɔ mpae sɛ bere tenten a ɔsom adwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, mɛkɔ so mayɛ bi. Nhyira ne anigye a me nsa aka no yɛ nea mintumi nka ne nyinaa.”
6 So woka akwampaefo a wɔwɔ anigye no ho? Ɛnde na wunim nea saa anuanom yi reka ho asɛm no. Wɔn a wɔyɛ akwampaefo mprempren anaa wɔatra mu pɛn no aka sɛ: ‘Ná metaa te nsɛm ahorow a ɛyɛ anigye na ɛhyɛ obi den fi wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som mu—akwampaefo, Betel abusua mufo ne ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom—na bere a mebɛyɛɛ bere nyinaa somfo no na metee nea na wɔreka no ase ankasa.’
7 So wubetumi abɛyɛ saa akwampaefo anigyefo no mu bi? sɛ ebia akwampaefo boafo. Nea ɛboa ma eyi tumi yɛ yiye ne bere a asafo mu mpanyimfo ne asomfo de wɔn ho hyɛ mu.
8 Anuanom adawurubɔfo nkumaa pii reyɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu bere a wɔaba akwamma. So wo nso wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ bi? Ebia ebetumi ayɛ bere a ɔmansin sohwɛfo abɛsra mo asafo no. Anuanom a wɔresom wɔ Betel anaa ɔsom adwuma no afa horow dii kan de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu, na bere a wowiee sukuu no wɔbɛyɛɛ daa akwampaefo. So ɛyɛ wo botae sɛ wobɛsom wo Bɔfo no bere a woyɛ aberante anaa ababaa? (Ɔsɛnk. 12:1) So wubetumi ayɛ nhyehyɛe abɛyɛ akwampaefo boafo anaasɛ woafi ase asom sɛ daa ɔkwampaefo daakye?
9 Ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔyɛ akwampaefo no nni asɛyɛde anaa biribi titiriw bi yɛ. Wɔwɔ mu efisɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa. Na saa som yi yɛ wɔn botae horow no mu biako. Ɛbɛyɛɛ ade a ehia wɔn yiye wɔ wɔn asetra mu. Mmusua ahorow bi nso ayɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no wɔbɛma onipa biako afi abusua no mu ayɛ ɔkwampaefo. Bere-nyinaa ɔsom adwuma a wɔyɛ nyɛ ade a ɛda fam bere nyinaa. Nanso, emu nhyira dɔɔso na akomatɔyam a obi nya sɛ ɔresom Yehowa wɔ saa kwan yi so no sõ yiye.
10 Tebea horow a yɛn nuanom mmarima ne mmea bi wom no mma wɔn kwan sɛ wɔnyɛ akwampaefo. Nanso, ɛda adi sɛ wɔn nso wɔn ani gye Yehowa som mu. Hwɛ ayamye kɛse a Yehowa ayi adi akyerɛ sɛ ɔma ne nkurɔfo nyinaa nya anigye wɔ ne som mu a tebea horow a wɔwɔ mu no mfa ho!—2 Kor. 8:12.
11 Nanso, yenim no yiye sɛ, sɛ woyɛ obi a onya ɔsom adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no fã bi mu kyɛfa a, wotaa da Yehowa ase wɔ ne nhyira horow a wo nsa ka no ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛka akyerɛ wo sɛ yɛn ani sɔ nea woreyɛ, na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nso ani sɔ.—Heb. 6:10.