Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
1. Botae bɛn na yebetumi de asi yɛn ani so wɔ ɔsom afe foforo no mu?
1 Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkɔso wɔ honhom fam a, ɛsɛ sɛ yɛde botae ahorow sisi yɛn ani so. Botae bɛn na wode asi w’ani so wɔ ɔsom afe foforo no mu? Botae pa biako ne sɛ yɛde ɔsram biako anaa nea ɛboro saa bɛyɛ akwampaefo aboafo. Esiane sɛ adwuma a ɛyɛ anigye yi taa hwehwɛ sɛ yedi kan yɛ nhyehyɛe bi nti, saa bere yi ne bere pa a ɛsɛ sɛ yefi ase dwen ho. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde akwampaefo aboafo adwuma yɛ yɛn botae?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde akwampaefo aboafo adwuma yɛ yɛn botae?
2 Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akwampaefo Aboafo: Akwampaefo aboafo adwuma no ma yetumi sɔ yɛn soro Agya no ani “kɛse” denam bere pii a yɛde kɔ asɛnka no so. (1 Tes. 4:1) Sɛ yesusuw nea Yehowa ayɛ ama yɛn nyinaa ho a, yɛn koma ka yɛn ma yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. (Dw. 34:1, 2) Yehowa hu nneɛma a yɛde bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ pii wɔ asɛnka mu, na n’ani sɔ. (Heb. 6:10) Esiane sɛ yenim sɛ adwumaden a yɛyɛ no ma yɛsɔ Yehowa ani nti, yenya anigye kɛse.—1 Be. 29:9.
3, 4. Ɔkwan bɛn so na yenya akwampaefo aboafo adwuma so mfaso?
3 Mpɛn pii no, dodow a woyɛ biribi no, dodow no ara na ne yɛ yɛ mmerɛw ma wo na w’ani gye ho kɛse. Bere pii a wode bɛkɔ asɛnka no bɛma wode ahotoso kɛse akasa wɔ afie mu. Ɛbɛma wo ho akokwaw wɔ sɛnea wufi nkɔmmɔbɔ ase na wode Bible no di dwuma mu. Mpɛn dodow a woka wo gyidi ho asɛm no, dodow no ara na wo gyidi yɛ den. Nnipa pii a na wɔnyɛ Bible adesua no atumi afi bi ase bere a na wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma no.
4 Akwampaefo aboafo adwuma nso betumi akanyan yɛn ma yɛde nsi ayɛ yɛn som adwuma no. Obi a na ɔyɛ daa ɔkwampaefo a ɔtee nka sɛ na ɔde n’adwene asi honam fam adwuma so dodo no sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo ɔsram biako. Ɔkae sɛ: “Sɛnea ɔsram biako no hyɛɛ me den wɔ honhom mu no maa me ho dwiriw me! Meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛkɔ so ayɛ akwampaefo boafo na ɛma mitumi san yɛɛ daa ɔkwampaefo bio.”
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi te a yɛte nka sɛ yentumi nyɛ akwampaefo aboafo no so?
5 Di Akwanside Ahorow So: Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ efisɛ wɔte nka sɛ wontumi nka asɛm no yiye. Sɛ eyi nti na wompɛ sɛ woyɛ bi a, Yehowa betumi aboa wo sɛnea ɔboaa Yeremia no. (Yer. 1:6-10) Ɛwom sɛ na Mose ‘kasa yɛ nyaa na ne tɛkrɛma nso yɛ duru’ de, nanso Yehowa de no yɛɛ n’adwuma. (Ex. 4:10-12) Sɛ wote nka sɛ wuntumi nyɛ a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru.
6. Sɛ wunni ahoɔden anaa adagyew a, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ akwampaefo boafo?
6 So ahoɔden anaa adagyew a wunni nti na wompɛ sɛ woyɛ bi? Sɛ wunni ahoɔden a, wo tebea no a wobɛhwɛ ho de akɔ asɛnka no betumi ama woayɛ akwampaefo boafo. Sɛ wunni adagyew a, ebia wubetumi atu nnwuma a ɛho nhia pii no bi ahyɛ ɔsram foforo. Ebinom a wɔde bere nyinaa yɛ adwuma no agye wɔn ahomegye nna no mu da koro anaa nnanu wɔ adwuma mu de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi.—Kol. 4:5.
7. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wobɛbɔ akwampaefo boafo a wopɛ sɛ woyɛ no ho mpae?
7 Sɛnea Wobɛyɛ No: Bɔ ɔpɛ a wowɔ sɛ woyɛ bi no ho mpae. Srɛ Yehowa sɛ onhyira mmɔden a wobɔ sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu no so. (Rom. 12:11, 12) Obetumi aboa wo ma woasi gyinae a nyansa wom wɔ sɛnea wobɛsakra wo bere nhyehyɛe mu. (Yak. 1:5) Sɛ wunni ɔpɛ sɛ wobɛyɛ a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na nya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu.—Luka 10:1, 17.
8. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 15:22 a wode bedi dwuma no betumi ama woayɛ akwampaefo boafo?
8 Munsusuw akwampaefo aboafo a mode besi mo ani so no ho sɛ abusua. (Mmeb. 15:22) Ebia abusua no mufo betumi aboa wɔn mu baako ma wayɛ akwampaefo boafo. Wo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu mmɔ akwampaefo boafo a wopɛ sɛ woyɛ no ho nkɔmmɔ, titiriw wɔn a wɔn nsɛm tebea te sɛ wo de no. Eyi betumi akanyan afoforo ma wɔaka wo ho ma moayɛ akwampaefo aboafo.
9. Asram bɛn na wubetumi apaw de ayɛ akwampaefo boafo?
9 Bere a wususuw asɛnka ho nhyehyɛe a woayɛ ama ɔsom afe foforo no ho no, bere bɛn na wubetumi ayɛ akwampaefo boafo? Sɛ wode wo bere nyinaa yɛ adwuma anaa wokɔ sukuu a, ebia wobɛpɛ sɛ woyɛ saa wɔ asram a dapɔnna bi wom anaa nea ɛwɔ Memeneda anum ne Kwasida anum no mu. Sɛ nhwɛso no, September, December, March, ne August wɔ adapɛn awiei anum. May wɔ Memeneda anum, na June wɔ Kwasida anum. Sɛ wunni ahoɔden a, susuw asram a wim tebea taa yɛ papa no ho. Ebia wobɛpɛ sɛ woyɛ akwampaefo boafo wɔ ɔsram a ɔmansin sohwɛfo no bɛba abɛsra mo asafo no mu. Wɔ ne nsrahwɛ no mu no, wubenya hokwan foforo de akɔ nhyiam a ɔne daa akwampaefo yɛ no fã a edi kan no. Esiane sɛ Nkaedi no si March 22 wɔ afe a ɛreba no mu nti, March, April, ne May yɛ asram a eye a wubetumi apaw. Sɛ wunya paw ɔsram anaa asram a wopɛ sɛ woyɛ akwampaefo boafo wom no wie pɛ a, fi ase yɛ bere nhyehyɛe a ɛbɛma woanya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no.
10. Sɛ wuntumi nyɛ akwampaefo boafo a, dɛn na wubetumi ayɛ?
10 Sɛ wote nka mpo sɛ worentumi nyɛ akwampaefo boafo wɔ ɔsom afe a ɛreba yi mu a, wubetumi akɔ so de nnam ayɛ asɛnka adwuma no. Kɔ so yɛ nea wubetumi biara wɔ ɔsom adwuma no mu, na nya ahotoso sɛ Yehowa ani gye wo kra nyinaa mu a wufi yɛ nea wubetumi biara no ho. (Gal. 6:4) Boa wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo no na hyɛ wɔn nkuran. Ebia wubetumi asakra wo bere nhyehyɛe mu na wo ne wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo no akɔ asɛnka da foforo de aka da a wokɔ daa no ho.
11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ?
11 Yehowa nkurɔfo nim sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ. Yɛwɔ adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wie, a ɛne asɛmpa no a yɛka no. Nkurɔfo nkwa da asiane mu, na bere a aka no nso sua. (1 Kor. 7:29-31) Onyankopɔn ne yɛn yɔnkonom ho dɔ bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara wɔ asɛnka mu. Sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden na yɛyɛ nhyehyɛe pa a, anyɛ yiye koraa no yebetumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma ɔsram biako wɔ ɔsom afe foforo no mu—ɛyɛ botae a ɛfata ankasa!