Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/97 kr. 3-5
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Yɛbɛyɛ Bio?—Yɛreto Nsa Afrɛ Akwampaefo Aboafo Bio
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 2/97 kr. 3-5

Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000

So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo Wɔ March? April? May Mu?

1 Ná April 1881 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu asɛm bi ne “Yehia Asɛnkafo 1,000.” Na abisade bi wom ma mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so a “Awurade ama wɔn Ne nokware ho nimdeɛ bi” no nyinaa sɛ, wɔmfa bere biara a wobetumi ntrɛw Bible mu nokware no mu. Wɔhyɛɛ wɔn a na wobetumi de wɔn bere fã anaa nea ɛboro saa ayɛ Awurade adwuma nkutoo no nkuran ma wɔde wɔn ho mae sɛ bere nyinaa asɛmpakafo—nea wɔfrɛ wɔn akwampaefo nnɛ no.

2 Ɛwom sɛ mmere asesa fi 1800 mfe no mu de, nanso nokwasɛm biako da so ara da adi—Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so pɛ sɛ wɔkɔ so de bere dodow biara a wobetumi trɛw asɛmpa no mu. Akwampaefo aboafo adwuma a asafo mu adawurubɔfo bɛyɛ no ma wotu mpɔn bere a wɔde bere pii yɛ Ahenni som adwuma no.—Kol. 4:17; 2 Tim. 4:5.

3 Efi bere a wofii akwampaefo aboafo adwuma no ase no, anuanom mmarima ne mmea ɔpehaha pii na wɔayɛ bi wɔ wiase nyinaa. Wonyaa akwampaefo adwuma no fã yi ho anigye kɛse araa ma wonyaa akwampaefo aboafo dodow 3,600 ne akyi wɔ Ghana wɔ April 1989 mu! Efi saa bere no, adawurubɔfo 2,400 ne akyi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu mprɛnsa—wɔ 1993, 1994, ne 1995 mu. Ɛda adi sɛ hokwan wɔ hɔ sɛ wobetumi ada mmɔdenbɔ yi adi ma asen saa wɔ 1997 Nkaedi bere no mu.

4 Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo wɔ March, April, ne May asram no biako anaa nea ɛboro saa mu. Dɛn nti na yɛde March aka ho? Efisɛ afe yi Kristo wu ho Nkaedi no si Kwasida, March 23. Ɔkwampa biara nni hɔ a yebetumi afa so de adapɛn a edi Nkaedi no anim no adi dwuma sen sɛ yɛde nsiyɛ benya Ahenni asɛnka adwuma a yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, hyehyɛe no mu kyɛfa. Bere a yedi adanse kɛse wɔ March mu no, yebetumi ato nsa afrɛ anigyefo pii ma wɔabɛka yɛn ho ma yɛahyɛ Kristo wu no ho fã. March nso bɛyɛ soronko, efisɛ ɛne bere a edi kan a yɛde Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bɛyɛ adwuma. Afei nso, Memeneda anum ne Kwasida anum na ɛwɔ March mu, na ɛbɛma yɛatumi ayɛ dapɛn awiei asɛnka adwuma kɛse. Nokwarem no, nnamyɛ a yɛbɛkɔ so ada no adi wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ April ne May asram no mu no bɛma yɛakɔ so ne anigyefo a yebenya wɔn no afi ase de Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ayɛ ofie Bible adesua ahorow. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo wɔ ne bere mu no bɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma fefeefe nso, titiriw wɔ adapɛn awiei.

5 Hena na Ɔfata sɛ Ɔyɛ Akwampaefo Boafo?: Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no kyerɛkyerɛ mu wɔ kratafa 113 sɛ: “Sɛnea wo nsɛm tebea te biara no, sɛ woagye asubɔ na wowɔ abrabɔ gyinabea pa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe de nnɔnhwerew 60 a wɔhwehwɛ no ayɛ asɛnka adwuma ɔsram no, na nokwarem no, wubetumi asom ɔsram biako anaa asram pii sɛ akwampaefo boafo, na asafo mu mpanyimfo no ani begye sɛ wobesusuw wo akwammisa ma ɔsom hokwan yi ho.” So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ama hokwan yi wɔ March? April? May mu?

6 Ɛsɛ sɛ adwempa a mpanyimfo kuw no bɛda no adi, ne koma nyinaa mu a adawurubɔfo a aka no befi aboa no, ma yɛn nsa tumi ka akwampaefo aboafo 5,000 a yehia yi. (Heb. 13:7) Yɛhyɛ mmusua ti nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔn fiefo mu baahe na wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ asram a ɛreba no biako anaa nea ɛboro saa no mu.—Dw. 148:12, 13; fa toto Asomafo no Nnwuma 21:8, 9 ho.

7 Nka ntɛm ara sɛ esiane wo honam fam adwuma a wode wo bere nyinaa yɛ, sukuu bere nhyehyɛe, abusua mu asɛyɛde ahorow, anaa Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow nti, worentumi nyɛ akwampaefo boafo. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ ebinom betumi ayɛ bi; nanso ɛdenam nhyehyɛe pa ne Yehowa nhyira so no, wobetumi ayɛ. (Dw. 37:5; Mmeb. 16:3) Ma ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma no nni wo nsɛm tebea so; mma wo nsɛm tebea nnni ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo no so. (Mmeb. 13:19a) Esiane ɔdɔ a emu yɛ den a nnipa pii wɔ ma Yehowa ne wɔn yɔnko nnipa nti, wɔatumi ayɛ nsakrae wɔ wɔn dapɛn asetram dwumadi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ɔsram biako atrɛw wɔn som adwumam bere bi. (Luka 10:27, 28) Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Ahenni adwuma mu denneennen no benya nhyira pii.—1 Tim. 4:10.

8 Nea Akwampaefo Aboafo Adwuma Yɛ: Ɔkra nyinaa mu a Onyankopɔn asomfo fi de wɔn ho hyɛ akwampaefo aboafo adwumam no ma wɔde nne kɛse yi Yehowa ayɛ. Bere a Ahenni adawurubɔfo yi yere wɔn ho de asɛmpa no du nnipa pii nkyɛn no, ɛtwe wɔn ankasa bɛn Yehowa efisɛ wosua sɛ wɔde wɔn ho bɛto ne so kɛse ahwehwɛ ne honhom ne ne nhyira.

9 Sɛ yɛwɔ akwampaefo aboafo, daa akwampaefo, ne akwampaefo atitiriw a wɔyɛ nnam wɔ yɛn mu a, wɔde ahoɔden foforo bi ba asafo no mu. Anigye a wɔda no adi no tumi ka afoforo bere a wɔka osuahu ahorow a wonya wɔ asɛnka mu kyerɛ no. Eyi kanyan afoforo ma wɔsan hwehwɛ wɔn ankasa nneɛma a wɔde di kan ne sɛnea wobetumi anya ɔsom adwuma a ɛho hia sen biara no ntrɛwmu mu kyɛfa no mu. Onuawa bi a ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfe 70 fii ase ntɛm ara yɛɛ akwampaefo boafo ntoatoaso. Mfe bi akyi no, bere a wobisaa no nea enti a baabi a wanyin adu no ɔda so ara de ne ho hyɛ ɔsom adwuma no mu denneennen sɛ akwampaefo boafo ɔsram biara no, ɔkae sɛ, ɔte nka sɛ wasɛe n’asetra mfe 70 a edi kan no, na ɔmpɛ sɛ ɔsɛe ne mfe a aka no mu biara!

10 Obiara a ɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma biara tu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɔdansefo kumaa bi gye toom sɛ: ‘Efi me mmofraase pɛɛ no, na meka m’awofo ho kɔyɛ asɛnka adwuma no. Na asɛnka yɛ anigye ankasa. Nanso, bere kɔɔ so no, mibehui sɛ na meyɛ soronko wɔ sukuu mu. Afei ɛbɛhaw me sɛ na mɛka nokware no ho asɛm akyerɛ me mfɛfo sukuufo no. Mifii ase suroe sɛ mehyia obi a minim no wɔ sukuu, bere a yɛreka asɛm wɔ afie afie no. Misusuw sɛ na me haw no yɛ onipa ho suro. [Mmeb. 29:25] Bere a miwiee sukuu no, misii gyinae sɛ mɛsɔ akwampae adwuma ahwɛ, na mayɛ no bere ne bere mu. Ne saa nti, m’ani begyee asɛnka ho sen bere biara a na abɛsen. Mammu no adwuma a wɔde gyigye ani bio, na saa ara nso na anyɛ me adesoa kɛse. Sɛ mihu sɛ me Bible adesuafo nya nkɔso wɔ nokware no mu a, ɛma minya abotɔyam kɛse wɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa Nyankopɔn rehyira me mmɔdenbɔ so no ho.’ Saa abofra yi nyaa nkɔanim bɛsomee sɛ daa kwampaefo.

11 Sɛnea ɛte ankasa no, sɛ nnipa pii som sɛ akwampaefo aboafo wɔ asafo no mu a, wotumi di asasesin no mu adanse fefeefe. Onua a ɔkyekyɛ asasesin no betumi ahu akwampaefo aboafo no ma wɔaboa ayɛ afã a wɔntaa nyɛ mu adwuma no mu adwuma. Wɔn awia aduan a wɔbɛfa na wɔde da mũ nyinaa ayɛ asɛnka adwuma no bɛma wɔatumi ayɛ asasesin afã a ɛwɔ akyirikyiri no mpo mu adwuma.

12 Mpanyimfo Nni Kan Nyɛ Nsiesiei Ahorow: Ɛsɛ sɛ moyɛ adansedi bere ho nhyehyɛe wɔ mmere ahorow mu wɔ dapɛn no mu, a awiabere ne anwummere ka ho, na ama pii atumi anya mu kyɛfa wɔ asram abiɛsa a edi hɔ no mu. Momfa mmere a mode bɛyɛ mmɔnten so adansedi, asasesin a nnwuma wom, ne wɔn a wɔnto wɔn fie adwuma no, nka afie afie adwuma a moyɛ no daa no de ho. Sɛ mpanyimfo no yɛ saa a, wɔboa wɔn a wɔreyɛ akwampae adwuma no ma wɔne asafo no nya asɛnka adwuma mu kyɛfa wɔ bere a ɛbɛyɛ papa na ɛfata ma akwampaefo no kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔma asafo no hu asɛnka nhyehyɛe ahorow no yiye. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka nhyiam ahorow no ho nhyehyɛe yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ wonya asasesin a ɛfata na wɔkra nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso ne nhoma afoforo ntɛm.

13 Yɛ W’ankasa Asɛnka Bere Nhyehyɛe: Onua bi a mfiase no na osuro sɛ ɔbɛyɛ akwampaefo boafo no kae sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw koraa sen sɛnea misusuwii sɛ ɛbɛyɛ ankasa no. Nea egye ara ne bere nhyehyɛe pa.” So wuhu akwampaefo aboafo bere nhyehyɛe ho nhwɛso bi wɔ krataa a ɛhyem yi akyi a ɛso bɛba wo mfaso? Nnɔnhwerew dunum a akwampaefo aboafo de bɛyɛ ɔsom adwuma no dapɛn biara ara ne bere a wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ.

14 Sɛnea ɛbɛyɛ na mmea awarefo ne wɔn a wɔkɔ adwuma awia betumi asom sɛ akwampaefo aboafo no, wobetumi ayɛ nhyehyɛe ataa akɔ asɛnka anɔpa. Sukuufo ne wɔn a wɔkɔ adwuma anadwo nyinaa betumi ayɛ asɛnka adwuma no awia. Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ honam fam adwuma ahu sɛ wobetumi afa adwuma da biako dapɛn biara anaasɛ wɔde dapɛn awiei nyinaa ayɛ ɔsom adwuma no de aka anwummere anwummere adansedi no ho. Anuanom pii a dapɛn awiei na wɔyɛ wɔn asɛnka adwuma kɛse no paw asram bi a adapɛn awiei anum wom. Afe yi, ɛte saa wɔ March, August ne November mu. Bere a wode bere nhyehyɛe kratasin a hwee nni so a ɛwɔ kratafa 6 no redi dwuma sɛ nhwɛsode no, fa mpaebɔ susuw w’ankasa asɛnka nhyehyɛe a ɛbɛyɛ papa ama wo tebea no ho yiye.

15 Mfaso biako a ɛwɔ akwampaefo aboafo nsiesiei no ho ne fakaa a ɛyɛ no. Wutumi paw asram a wobɛyɛ, na wutumi yɛ mpɛn dodow biara a wopɛ. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ akwampaefo boafo toam nanso wuntumi a, so woasusuw ho sɛ wobɛyɛ atoto mu wɔ afe no mu nyinaa? Ebinom nso tumi som sɛ akwampaefo aboafo toa so bere tenten.

16 Ahosiesie Ma Bere Nyinaa Akwampae Adwuma: Anuanom pii a wɔwɔ akwampae honhom pɛ sɛ wɔsom sɛ daa akwampaefo, nanso wontumi nhu sɛ ebia wobenya bere, hokwan, anaasɛ ahoɔden a wɔde bɛyɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔreyɛ daa akwampae adwuma seesei no mu dodow no ara na wodii kan de akwampaefo aboafo adwuma siesiee wɔn ho maa bere nyinaa som adwuma no. Sɛ obi de dɔnhwerew biako ka n’akwampaefo aboafo bere nhyehyɛe no ho da biara, anaa ɔde da koro ka ho dapɛn biara a, obetumi adu daa akwampae adwuma bere nhyehyɛe no ho. Dɛn nti na wommɔ mmɔden mfa nnɔnhwerew 90 nyɛ ɔsom adwuma no wɔ ɔsram a wode bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma no biako anaa nea ɛboro saa mu mfa nhwɛ sɛ wubetumi anaa? Bere koro no ara mu no, wubenya sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow a ɛbɛma woayɛ akwampae adwuma a edi mũ.

17 Onuawa bi de mfe asia yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no toaa so. Saa bere no nyinaa na ɛyɛ ne botae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ daa akwampae adwuma no mu. Ne saa nti, ɔsɔɔ honam fam adwuma anan hwɛe a na ɔrehwɛ kwan sɛ obenya tebea a ɛbɛma wanya daa akwampae ahwehwɛde a ɛyɛ nnɔnhwerew 90 no. Ɔyɛɛ bere nhyehyɛe biako anaa abien ɔsram biara na ama wabu ho akontaa ahwɛ sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye anaa. Nanso bere a ɔhwehwɛɛ mu no, ɔtee nka sɛ ɔrentumi nyɛ bere nyinaa som adwuma no. Nanso, ɔkɔɔ so srɛɛ Yehowa, hwehwɛɛ n’akwankyerɛ. Afei da bi, bere a na ɔresiesie ne ho ama Ɔsom Nhyiam no, ɔkenkan October 1991 Yɛn Ahenni Som no mu asɛm bi a ɛkae sɛ: “Sɛ́ anka wubedwen nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ sɛ wunya no ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no, dɛn nti na womfa w’adwene nsi hokwan kɛse a woanya sɛ wobɛyɛ anoboaboa adwuma no bi no so mmom? (Yoh. 4:35, 36)” Ɔka sɛ: “Mitĩĩ asɛm yi mu kenkan no mpɛn anum anaa asia, na minyaa ahotoso ankasa sɛ na eyi yɛ mmuae a efi Yehowa hɔ. Saa bere no na misii gyinae sɛ mede me ho bɛhyɛ daa akwampae adwuma no mu.” Ɛwom sɛ na honam fam adwuma a ɔde bere fã yɛ no bere nhyehyɛe no nyɛ papa de, nanso ɔde ne daa akwampae ho akwammisa mae. Dapɛn biako akyi no, ne bere nhyehyɛe sesae, na wɔmaa no nnɔnhwerew a ɔde bɛyɛ honam fam adwuma a na eye ma no paa. Ɔkae sɛ, “So Yehowa nsa wɔ eyi mu, anaa ɛnte saa?,” na ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wosrɛ Yehowa akwankyerɛ na wo nsa ka a, nguan—gye tom.” Sɛ ɛwɔ wo komam sɛ wobɛyɛ daa akwampae adwuma a, ebia ebedu asram abiɛsa a wode bɛyɛ akwampaefo boafo wɔ March, April, ne May awiei no, wubehu sɛ wo nso wubetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi.

18 Yegye di sɛ Yehowa behyira mo mmɔdenbɔ so, na obegyina mmɔden a ne nkurɔfo bɔ akyi, bere a wɔbɔ nkwagye asɛmpa no ho dawuru wɔ dwumadi bere titiriw yi mu no. (Yes. 52:7; Rom. 10:15) So wubegye nsa a yɛto frɛ akwampaefo aboafo 5,000 no so denam emu kyɛfa a wubenya wɔ March? April? May mu no so?

[Kratafa 3 adaka]

Sɛnea Ebesi Wo Yiye sɛ Akwampaefo Boafo

■ Nya ahotoso sɛ wubetumi ayɛ

■ Bɔ Yehowa mpae ma onhyira wo mmɔdenbɔ so

■ To nsa frɛ ɔdawurubɔfo foforo ma ɔne wo mmɛyɛ akwampae adwuma

■ Yɛ asɛnka bere nhyehyɛe a wubetumi adi so

■ Yɛ nhyehyɛe gye nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso

■ Boa asafo nhyehyɛe ahorow ma asɛnka adwuma no

■ Hwehwɛ hokwan fa di adanse wɔ bɔnnɔ so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena