Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/97 kr. 2
  • Nkaedi No—Adeyɛ a Ɛho Hia Titiriw!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaedi No—Adeyɛ a Ɛho Hia Titiriw!
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ Wɔ Bere Titiriw Mu
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wɔn a Wɔda Anigye Adi Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 2/97 kr. 2

Nkaedi No—Adeyɛ a Ɛho Hia Titiriw!

1 Wɔ Kwasida, March 23, bere a owia akɔtɔ no, yɛbɛyɛ Kristo wu ho Nkaedi no. (Luka 22:19) Nokwarem no, eyi yɛ adeyɛ a ɛho hia titiriw! Yesu nam ne mudi mu a okura maa Yehowa koduu owu mu so no kyerɛe sɛ, nnipa betumi akura nyamesom pa ahofama a edi mũ mu wɔ ɔhaw a emu yɛ den mpo mu, de agyina fata a Yehowa tumidi fata no akyi. (Heb. 5:8) Bio nso, Kristo wu no de ɔdesani afɔrebɔ a ɛyɛ pɛ a ɛho hia na wɔde agye adesamma no mae, na ama wɔn a wɔkyerɛ gyidi no atumi anya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Yebetumi ada Yehowa dɔ ne Yesu afɔrebɔ ho anisɔ a efi komam no adi denam kɔ a yɛbɛkɔ Nkaedi no ase so.

2 Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ obedi Bible akenkan nhyehyɛe a wɔayɛ ama March 18-23, a ɛwɔ 1997 Calendar of Jehovah’s Witnesses mu no akyi. Afei nso, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ti 112-16 a abusua no besusuw ho no bɛboa ma wɔde wɔn adwene asi dapɛn a ɛsen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no so.

3 So wubetumi ama bere a wode yɛ asɛnka adwuma wɔ Nkaedi bere mu no adɔɔso? Adawurubɔfo pii de adapɛn awiei anum a ɛwɔ March mu hokwan no bedi dwuma akosi ase de asom sɛ akwampaefo aboafo. Dɛn nti na wonka wɔn ho? Yɛn nyinaa betumi anya kyɛfa wɔ hia a Nkaedi no a obi bɛkɔ ho hia no so dua a yebesi no mu akosi ase. Esiane sɛ esi Kwasida nti, ɛrenyɛ den mma nnipa pii sɛ wɔbɛba. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ Bible adesuafo ne anigyefo a wɔaka nyinaa ma wɔabɛka yɛn ho. Wo ne wɔn nsusuw nea wɔaka ho asɛm wɔ Nimdeɛ nhoma no kratafa 127, kasapɛn 18, a ɛfa afe no mu da koro a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow titiriw ho no.

4 Fa nea Yesu wu no kyerɛ ma yɛn no ho anisɔ a emu dɔ siesie wo ho ma 1997 adeyɛ a ɛsen biara yi. Bere a nokware Kristofo a wɔwɔ baabiara fi nokwaredi mu yɛ Nkaedi no March 23 anwummere no, kɔ bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena