Wɔn a Wɔda Anigye Adi Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn
1 Yɛn gyidi ne yɛn dɔ ma afoforo bɛkanyan yɛn wɔ bere yi mu ma yɛaboa wɔn a wɔakyerɛ Ahenni nkrasɛm no ho anigye, na yɛato nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ase. Ehia sɛ yɛma saafo no hu Yehowa nkwagye nsiesiei a egyina Kristo agyede afɔrebɔ no so no.—Heb. 9:28.
2 Eye sɛ wobɛkyerɛw wɔn a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn ba Nkaedi no ase no din. Fa obiara a ɔba adesua wɔ bere ne bere mu anaa wɔasua ade pɛn anaa wɔada anigye adi wɔ akwan afoforo so ka ho. Mma wo werɛ mfi ahokafo a wonnye nni ne abusua mufo afoforo. Bere a woakyerɛw din no awie no, bɔ mmɔden yiye sɛ wobɛkɔ wɔn mu biara nkyɛn. Ebia wobɛpɛ sɛ woka kyerɛ mpanyimfo no ma wɔboa wɔ nsrahwɛ ahorow bi yɛ mu.
3 Dɛn na wubetumi aka wɔ nsrahwɛ no mu?
Bere a woakyia no anigye so awiei no, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Woakyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye wɔ bere a atwam no mu, na misusuwii sɛ w’ani begye ho sɛ mɛto nsa afrɛ wo akɔ adeyɛ titiriw bi ase. [Fa Nkaedi ho krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo no ma ofiewura no.] Kristo wu Nkae no ne adeyɛ biako pɛ a Awurade Yesu Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnhyɛ ho fã. Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛsan ahwehwɛ nea Kristo nam ne wu so tumi yɛe, ne sɛnea yɛnam so betumi anya daa nkwa no mu. Afe a etwaam no, nnipa bɛboro ɔpepem 11 na wɔbaa nhyiam titiriw yi. Ɛbɛyɛ m’anigye sɛ wobɛba abɛka me ho ma yɛakɔ afe yi.” Hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛw bere ne beae a mo asafo no bɛyɛ Nkaedi no. Afei nso, sɛ ehia na wubetumi ayɛ saa a, ka sɛ wɔde kar bɛba abɛfa no.
4 Sɛ afoforofo ba Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Boa wɔn ma wonhu mo asafo no mu adawurubɔfo, na fa wɔn kyerɛ anigyefo biara a ebia wɔte bɛn wɔn fie no. Ɛbɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wobehu sɛ wɔn mpɔtam hɔ nnipa dodow bi ani gye nokware no ho. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, ma wɔmmɛtra mo abusua no nkyɛn wɔ Nkaedi afahyɛ no ase.
5 Ɛwom, Nkaedi no ase kɛkɛ a wɔbɛba no renkyerɛ sɛ wobenya nkwa. Nanso wɔ nnipa pii a wobɛto nsa afrɛ wɔn fam no, ebetumi ayɛ adeyɛ a edi kan a ɛbɛma wɔakyerɛ Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi. Bere a ɔresan akɔ fie no, bisa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛba Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ dapɛn no awiei anaa. Da anigye ne tema adi. Ma onhu sɛ wopɛ sɛ woboa wɔ ɔkwan biara a wubetumi so. Sɛ ofi ase ntɛm ne yɛn bɔ daa a, obenya honhom fam nkɔso ntɛmntɛm. Hwɛ anigye ne akomatɔyam ara a yebenya sɛ yɛne nnipa afoforo pii a ebia yɛatumi aboa wɔn no benya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu!—Adi. 7:9, 14.