Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/06 kr. 1
  • Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Suban a Ɛma Yɛkɔ Yɛn Nhyiam Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi” Nkaedi a Yɛbɛyɛ no April 5
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Momma Yɛnkyerɛ Anisɔ—Wɔbɛyɛ Nkaedi no April 17
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 3/06 kr. 1

Boa Afoforo ma Wonnya Agyede no So Mfaso

Yɛbɛhyɛ Kristo Wu no Ho Fã April 12

1. Dɛn ne ɔkwan biako a Onyankopɔn nkurɔfo nam so kyerɛ agyede no ho anisɔ?

1 “Aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛde a enni kabea no ho.” (2 Kor. 9:15) Saa nsɛm yi ma yehu sɛnea yɛte nka wɔ yiyeyɛ ne adɔe a Onyankopɔn nam ne Ba, Yesu Kristo so ada no adi akyerɛ ne nkurɔfo no ho. Yebetumi ada anisɔ a ɛte saa adi titiriw bere a yehyiam hyɛ Kristo Nkaedi no ho fã wɔ April 12 no.

2. Henanom na wɔka Yehowa asomfo ho ma wodi Nkae afahyɛ no, na sɛ wobenya agyede no so mfaso a, dɛn na ehia sɛ wɔyɛ?

2 Nnipa afoforo bɛyɛ ɔpepem du na afe biara wɔbɛka Yehowa asomfo ho ma wodi Nkae afahyɛ no. Wɔnam saayɛ so kyerɛ Kristo afɔrebɔ no ho anisɔ wɔ kwan bi so. Nanso sɛ wobenya agyede no so mfaso a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mu gyidi. (Yoh. 3:16, 36) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya gyidi a ɛte saa? Wɔ Nkaedi bere yi mu no, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma yɛne wɔn ayɛ Bible adesua, na yɛaka akyerɛ wɔn sɛ wɔmmra asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ no dapɛn biara no bi. Susuw nyansahyɛ a edidi so yi ho hwɛ.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi Bible adesua ase bere a yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase no?

3 Bible Adesua: Sɛ woto nsa frɛ anigyefo ba Nkaedi no ase a, dɛn nti na womfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ne wɔn mfi Bible adesua ase? Bue nhoma no kratafa 206-208, na bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ Nkaedi no mu akyerɛ onii no bere a mususuw asɛmti a ɛne “Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” ho no. Ebia mubetumi asusuw asɛm no ho pɛnkoro anaa mpɛn abien sɛ Bible adesua a wɔyɛ no pon ano. Sɛ mususuw saa asɛm no ho wie a, ebia onipa no bɛpɛ sɛ mususuw ti 5, “Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara” no ho. Sɛ munya hyehyɛ Bible adesua ara pɛ a, monsan mo akyi nkofi ase mfi ti anan a edi kan wɔ nhoma no mu no.

4. Henanom na yebetumi ne wɔn afi Bible adesua ase wɔ Nkaedi bere yi mu?

4 Henanom na yebetumi afa kwan yi so ne wɔn afi Bible adesua ase? Ebia wubetumi ne wo mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, anaa afipamfo a wɔn ani gye ho no asusuw nsɛm a ɛte saa ho. Anuanom mmarima no betumi aka Bible adesua ho asɛm akyerɛ anuanom mmea no kununom a wɔnyɛ agyidifo no. Nanso mmu w’ani ngu w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no so. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ da bɔ mmɔden to nsa frɛ wɔn a bere bi na wɔne asafo no bɔ no ma wɔba Nkaedi no. (Luka 15:3-7) Momma yɛnhwehwɛ akwan a yebetumi afa so aboa nnipa a wɔte saa ma wɔanya agyede no so mfaso.

5. Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ Bible asuafo ne anigyefo afoforo nkuran ma wɔaba asafo nhyiam a yɛyɛ no dapɛn biara no bi?

5 Asafo Nhyiam: Nkaedi yɛ nhyiam a edi kan koraa a Bible asuafo ne anigyefo afoforo pii ba bi. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ wɔn nkuran ma wɔaba asafo nhyiam afoforo a yɛyɛ no? April 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 de nyansahyɛ a edidi so yi mae: “Ka baguam kasa a edi hɔ no asɛmti kyerɛ wɔn. Fa nea yebesua wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ ase no nso kyerɛ wɔn. Kyerɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no nso mu kyerɛ wɔn. Sɛ wɔma wo dwumadi wɔ sukuu no mu a, wubetumi abobɔ so akyerɛ wɔn. Wubetumi aka nsɛntitiriw a musuae wɔ nhyiam horow ase no akyerɛ wɔn. Fa mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no boa wɔn ma wonnya nea ɛkɔ so wɔ nhyiam ase no ho adwene. Mufi Bible adesua ase ara pɛ a, to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam no bi.”

6. Akwan abien bɛn na yebetumi afa so aboa nnipa komapafo ma wɔanya agyede no so mfaso?

6 Sɛ yɛne nnipa komapafo taa yɛ Bible adesua na wɔba asafo nhyiam ahorow bere nyinaa a, wonya nkɔso ntɛm wɔ Onyankopɔn som mu. Enti momma yɛnhyɛ afoforo nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ honhom fam nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn no mu na wonnya Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara—agyede no—so mfaso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena