Momma Yɛnkyerɛ Anisɔ—Wɔbɛyɛ Nkaedi no April 17
1. Dɛn na odwontofo no kae a ɛfata paa wɔ Nkaedi bere yi mu?
1 Yehowa adɔe pii ne akwan a ɔfaa so gyee odwontofo no kaa no ma ɔkae sɛ: “Dɛn na mede betua Yehowa ka, papa a wayɛ me nyinaa ho?” (Dw. 116:12) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo wɔ nneɛma pii a enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ anisɔ. Mfehaha pii a Yehowa ma wɔkyerɛw nsɛm yi akyi no, ɔde akyɛde a ɛsen biara maa adesamma—agyede no. Enti bere a yɛresiesie yɛn ho ahyɛ Kristo wu no ho fã wɔ April 17 no, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ.—Kol. 3:15.
2. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ agyede no ho anisɔ?
2 Agyede no so Nhyira: Agyede no nti, yetumi nya “bɔne fafiri.” (Kol. 1:13, 14) Eyi ma yetumi de ahonim pa som Yehowa. (Heb. 9:13, 14) Sɛ yɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu a, yetumi de ahotoso kasa. (Heb. 4:14-16) Wɔn a wɔkyerɛ agyede no mu gyidi no wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa!—Yoh. 3:16.
3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa wɔ agyede a ɔde ama yɛn no ho?
3 Kyerɛ Anisɔ: Ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ paa ne sɛ yɛbɛkenkan Nkaedi Bible akenkan no da biara da, na yɛadwinnwen ho. Wɔasiesie February 1, 2011, Borɔfo Ɔwɛn-Aban a n’asɛmti ne “Are You Prepared for the Most Important Day of the Year?” (So Woasiesie Wo Ho Ama Da a Ɛho Hia Sen Biara wɔ Afe no Mu?) no sɛ ɛmmoa yɛn ma yɛnyɛ saa. Yebetumi afi yɛn komam nso abɔ mpae na yɛaka sɛnea agyede no som bo ma yɛn no ho asɛm akyerɛ Yehowa. (1 Tes. 5:17, 18) Sɛ yetie Yesu ahyɛde no na yɛkɔ Nkaedi no ase a, na yɛrekyerɛ anisɔ. (1 Kor. 11:24, 25) Bio nso, yebetumi asuasua Yehowa dɔ a ɛkyɛn so no na yɛato nsa afrɛ nnipa dodow a yebetumi ma wɔne yɛn akɔ bi.—Yes. 55:1-3.
4. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?
4 Yehowa asomfo a wɔkyerɛ anisɔ no remmu Nkaedi no a wɔbɛkɔ ase no sɛ nhyiam a yɛkɔ no daa no bi. Ɛyɛ nhyiam a ɛho hia sen biara wɔ afe no mu! Bere a Nkaedi no rebɛn no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade te sɛ odwontofo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “O me kra, hyira Yehowa, na mma wo werɛ mmfi nea wayɛ nyinaa.”—Dw. 103:2.