Kyerɛ Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsõ Sen Biara no Ho Anisɔ
1. Dɛn nti na yenya anisɔ ma Yehowa titiriw?
1 “Akyɛde pa” a Yehowa de ama yɛn nyinaa mu no, agyede a ne Dɔba no de mae no sõ sen ne nyinaa. (Yak. 1:17) Ɛma yenya nhyira pii, a yɛn bɔne fafiri nso ka ho. (Efe. 1:7) Enti yɛkyerɛ eyi ho anisɔ bere nyinaa. Sɛ edu Nkaedi bere a, yegye bere dwinnwen akyɛde a ɛsom bo yi ho.
2. Yɛbɛyɛ dɛn ne yɛn abusua anya agyede no ho anisɔ?
2 Boa W’abusua ma Wonnya Ho Anisɔ: Nea ɛbɛyɛ na w’abusua anya akyɛde no ho anisɔ no, dɛn nti na adapɛn a edi Nkaedi no anim wɔ March 30 no, momfa anwummere a mode yɛ mo Abusua Som no nsusuw agyede no ho? Afei nso, munsusuw Nkaedi Bible akenkan titiriw no ho da biara sɛ abusua. Ɛsɛ sɛ abusua no muni biara susuw sɛnea agyede no so aba no mfaso, sɛnea aka adwene a ɔwɔ wɔ Yehowa ho, sɛnea aka n’ankasa ne afoforo, ne nea ɛbɛyɛ daakye ho. Afei nso, ɛbɛyɛ papa sɛ musua nnwom foforo no mu abien, 8 ne 109 a wɔbɛto wɔ Nkaedi no ase no.—Dw. 77:12.
3. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ agyede no ho anisɔ?
3 Nea Yɛbɛyɛ De Akyerɛ Ho Anisɔ: Agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛaka Yehowa ne ɔdɔ kɛse a ɛkaa no ma ɔsomaa ne Ba no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Dw. 145:2-7) Sɛ edu March, April, ne May a, mmusua bi yɛ nhyehyɛe ma anyɛ yiye koraa no wɔn mu biako yɛ akwampaefo boafo de kyerɛ agyede no ho anisɔ. Sɛ worentumi nyɛ eyi a, so wubetumi ‘atɔ bere’ de atrɛw wo som adwuma no mu? (Efe. 5:16) Anisɔ a yɛwɔ no nso bɛka yɛn ma yɛaboa afoforo ma wɔne yɛn akɔ Nkaedi no ase bi. (Adi. 22:17) Fi ase kyerɛw wɔn a wobɛto nsa afrɛ wɔn no nyinaa din; anigyefo, Bible asuafo, w’abusuafo, w’adwumamfo, ne w’afipamfo. Afei nso, bɔ mmɔden fa wo ho hyɛ Nkaedi ho nsato krataa ho ɔsatu no mu.
4. Yɛbɛyɛ dɛn de Nkaedi bere no adi dwuma yiye?
4 Nkaedi bere no ma yenya hokwan pii de kyerɛ akyɛde a Yehowa de ama adesamma no ho anisɔ. Momma yɛmfa saa bere yi nkyerɛ agyede no ne ‘Kristo ahonyade a enni ano’ no nyinaa ho anisɔ.—Efe. 3:8.