Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase March 15
DAPƐN A EFI ASE MARCH 15
Dwom 151
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 1 ¶16-20, adaka a ɛwɔ kr. 13
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Samuel 5-9
No. 1: 1 Samuel 6:1-9
No. 2: Dɛn na Yebetumi Ayɛ De Abɔ Yɛn ho Ban Afi Satan ne N’adaemone no Ho?
No. 3: Dɛn na Ɔdefo ne Lasaro Ho Bɛ no Kyerɛ? (rs-E kr. 175 ¶1-3) (+gt ti 88)
□ Ɔsom Nhyiam:
Dwom 211
5 min: Nkaebɔ.
15 min: Fa 2010 Yearbook no Di Dwuma Yiye. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ” ho. Paw osuahu ahorow a ɛwɔ Yearbook mu no bi, na kyerɛ sɛnea ebetumi ahyɛ yɛn nkuran wɔ asɛnka mu. Ma atiefo nka wiase nyinaa amanneɛbɔ no afã horow a ɛhyɛ nkuran paa no ho asɛm. Sɛ worebewie a, hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan Yearbook no nyinaa.
15 min: “Adwuma a Ɛho Hia Sen Biara.” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ mususuw nkyekyɛm 3 no ho wie a, bisa ɔdawurubɔfo bi a ɔreyɛ Bible adesua a etu mpɔn nsɛm. Nsakrae bɛn na na ɛsɛ sɛ Bible suani no yɛ? Nkɛntɛnso bɛn na eyi nyae wɔ ɔdawurubɔfo no so?
Dwom 177