Adwuma a Ɛho Hia Sen Biara
1. Sɛ yɛwɔ asɛnka adwuma no ho anisɔ kɛse a, dɛn na ɛbɛma yɛayɛ?
1 Dɛn nti na bere nyinaa wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn ahode nyɛ asɛnka adwuma no? Efisɛ adwuma foforo biara nni hɔ a ɛho hia sen ɛno! Sɛ yedwen sɛnea asɛnka adwuma no nya afoforo asetena so nkɛntɛnso ho a, ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ adwuma a yɛrensan nyɛ bio yi mu kɛse.—Aso. 20:24.
2. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no boa tew Yehowa din kɛse no ho?
2 Ɛtew Yehowa Din Ho: Asɛnka adwuma no ma yehu sɛ Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no besi nnipa nniso nyinaa ananmu na adi adesamma haw nyinaa ho dwuma. (Mat. 6:9, 10) Ɛhyɛ Yehowa anuonyam sɛ ɔno nkutoo na obetumi agye yɛn afi ɔyare ne owu mu. (Yes. 25:8; 33:24) Esiane sɛ ne din da yɛn so nti, afoforo a wohu yɛn abrabɔ pa ne yɛn nsiyɛ no hyɛ no anuonyam. (1 Pet. 2:12) Hwɛ akomatɔyam ara a yenya bere a yɛma afoforo hu Awurade Tumfoɔ Yehowa no din wɔ asase nyinaa so no!—Dw. 83:18.
3. Nhyira bɛn na wɔn a wotie Ahenni nkrasɛm no nya?
3 Egye Nkwa: Yehowa ‘mpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Nanso sɛ wɔannya obi ankyerɛkyerɛ wɔn a, wɔbɛyɛ dɛn ahu nea ɛyɛ papa ne bɔne wɔ Yehowa ani so? (Yona 4:11; Rom. 10:13-15) Sɛ nkurɔfo tie asɛmpa no na wogyae nneɛma bɔne yɛ a, ɛma wɔn abrabɔ yɛ papa. (Mika 4:1-4) Bio nso, ɛma wonya daa nkwa ho anidaso a ɛyɛ anigye no bi. Sɛ yɛde ahokeka ka asɛm no na yɛkyerɛkyerɛ a, yebegye yɛn ho ne wɔn a wotie yɛn no nkwa. (1 Tim. 4:16) Hwɛ hokwan kɛse ara a yɛanya sɛ yɛreyɛ adwuma a ɛho hia yi bi!
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu?
4 Ɛrenkyɛ ahohiahia kɛse no de wiase bɔne yi bɛba n’awiei mpofirim. Wɔn a wɔwɔ Yehowa afã no benya wɔn ti adidi mu. Enti asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no gye ntɛmpɛ, ɛho hia, na ɛyɛ adwuma a ɛso wɔ mfaso a yɛreyɛ nnɛ. Momma ɛno nyɛ ade a edi kan koraa wɔ yɛn asetena mu!—Mat. 6:33.