Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/07 kr. 1
  • Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Yɛ Nsi wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Yɛ Nsi wɔ Asɛnka Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnka Ne Asuafoyɛ Adwuma No A Yɛbɛyɛ No Nnam So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Yɛn Nnamyɛ Wɔ Ɔsom Adwuma Mu a Yebekura
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • “Monyɛ Hyew Honhom Mu”
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Yɛ Nsi Wɔ Nimdeɛ A Ɛma Nkwa No Mu Trɛw Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 12/07 kr. 1

Ɛsɛ sɛ Yɛkɔ So Yɛ Nsi wɔ Asɛnka Mu

1 Efi afe 1992 no, afe biara Yehowa Adansefo de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako de nsi yɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no wɔ wiase nyinaa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yetumi yɛɛ yɛn fam de kakra wɔ adwuma kɛse a ɛte saa mu!—Mat. 28:19, 20.

2 Nokwarem no, yɛde nkamfo ne ayeyi nyinaa ma Yehowa a waboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Dɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ na yɛatumi de nsi akɔ so ayɛ adwuma a ɛho hia yi bi?

3 Nea Ɛma Yɛyɛ Nsi: Ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa, ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ no na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma no. (Mat. 22:37-39; 1 Yoh. 5:3) Ɔdɔ ka yɛn ma yɛde nneɛma bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye.—Luka 9:23.

4 Kɔ So Yɛ Nsi: Yɛn tamfo Bonsam bɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ano adwo. Asɛm no ho anigye a nkurɔfo nkyerɛ wɔ yɛn asasesin mu, wiase no mu nneɛma a ɛtwetwe yɛn, asetra a emu ayɛ den, ne yɛn ahoɔden a ɛso retew ho dadwen yɛ nneɛma a ɛma yɛn abam bu no mu kakraa bi pɛ.

5 Enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ so yɛ nsi. Ɛho hia sɛ yɛhyɛ “ɔdɔ a na [yɛwɔ] kan no” mu den. Eyi hwehwɛ sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible no daa na yedwennwen ho, na yɛde biribiara a Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de hyɛ yɛn gyidi den no di dwuma.—Adi. 2:4; Mat. 24:45; Dw. 119:97.

6 Sɛnea Bible nkɔmhyɛ ma ɛda adi no, Yehowa da a ɔde rebɛsɛe abɔnefo no reba ntɛmntɛm. (2 Pet. 2:3; 3:10) Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, momma yɛnkɔ so nyɛ nsi wɔ asɛnka mu, na yɛmfa yɛn ho nhyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa seesei no mu yiye!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena