Yɛ Nsi Wɔ Nimdeɛ A Ɛma Nkwa No Mu Trɛw Mu
1 “Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me nsiyɛ ma Yehowa.” Eyi ne asɛm a Yehu ka kyerɛɛ Yonadab bere a ɔreyɛ adwuma a Yehowa de ahyɛ ne nsa no. (2 Ahe. 10:16, American Standard Version) Ɛnnɛ nso, nnipa pii ahu Yehowa asomfo mmɔdenbɔ.
2 Nnɛyi abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ Yehowa Adansefo de wɔn adansedi no akata asase so nyinaa. . . . wobetumi aka no nokwarem sɛ nyamesom kuw biako biara nni wiase a wɔada nnamyɛ ne nsiyɛ a ɛte saa adi wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu no mu.” Afoforo aka sɛ: “Yɛn ani gye wɔn mmɔdenbɔ ho.” Yiw, nsiyɛ anaa mmɔdenbɔ da adi wɔ nokware Kristosom mu. Ɛno nti na Yehowa Adansefo de nsiyɛ a ɛte saa trɛw nimdeɛ a ɛma nkwa no mu.
3 Wɔkyerɛ nsiyɛ ase sɛ anigye kɛse a obi wɔ wɔ biribi yɛ mu. Nsɛmfua bi a ɛte sɛ ɛno ne anigye, nnamyɛ, ɔpɛ ne mmɔdenbɔ. Baabi a nsiyɛ wɔ no, ahokeka anaa dwumadi wɔ hɔ. Nea ɛka honhom mu nsiyɛ ho ne nokware dɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nipa. (Marko 12: 29-31) Ano yɛ den na ɛkanyan obi ma ɔde ne ho hyɛ ɔsom pa mu. Yesu tu fo sɛ, “Mompere.” Paulo nso sii so dua sɛ, “Monnyɛ mmɔdenbɔ mu nyaa,” ma ɔkaee yɛn hia a yɛn asɛnka adwuma no ho hia. Enti momma yɛmfa nsiyɛ nnya nokware nimdeɛ a ɛma nkwa no mu trɛw mu kyɛfa.—Luka 13:24; Rom. 12:11.
NIMDEƐ A ƐMA NKWA MU A YƐBƐTRƐW
4 Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yɛbɛboa obi ma wabehu na wasom Yehowa! Yɛn nhoma horow no boa wɔ eyi mu. Ɛsɛ sɛ ɛho anigye a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛhwehwɛ bere de ka “asɛmpa no.” February mu no, yebetumi ada yɛn nsiyɛ adi denam afie afie asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya na yɛde nhoma nketewa no mu biako ama obiara a yɛkasa kyerɛ no no so. Na, sɛ wuhu sɛ ɛfata sɛ wode nhoma nketewa no abien ma bere koro mu nso a, wubetumi ayɛ saa. Wubetumi de nhoma nketewa no biara a mo asafo no wɔ adi dwuma, titiriw nea akyɛ no. Nanso baabi a wɔwɔ bi no, yɛkamfo eyinom kyerɛ: So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? wɔ Twi mu, Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Twi ne Ewe mu, Onyankopɔn Daa Atirimpɔw wɔ Ewe mu ne Nokware nhoma no wɔ Ga mu.
5 Sɛ́ yɛde nokwaredi ne nsiyɛ bɛsom Yehowa no yɛ nea adwuma wom. Nanso, sɛ yetumi hu hia a ɛho hia kɛse sɛ yɛtrɛw nimdeɛ a ɛma nkwa no mu a, yɛbɛda nsiyɛ adi denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya sɛnea yebetumi so.
KANYAN AFOFORO MA WƆMFA NSIYƐ NYƐ ADWUMA
6 Tebea a emu yɛ den biara a yebehyia wɔ February mu akyi no, ɛsɛ sɛ nsiyɛ ka yɛn ma yefi adi kɔ asɛnka wɔ yɛn asasesin mu. (Yer. 20:9) So wubetumi de wo ho ahyɛ kuw adansedi ho nhyehyɛe a asafo no yɛ mu anaa? Na nhyehyɛe a wobɛyɛ akɔ asɛnka mmere afoforo no nso ɛ? Wo ne afoforo mmɔ wo bere nhyehyɛe ho nkɔmmɔ na hyɛ wɔn nkuran ma wɔne wo nyɛ adwuma.
7 Ɛsɛ sɛ yɛn nsiyɛ ka yɛn ma yɛyɛ adwuma pii wɔ asram a ɛreba no mu. April abɛn. So woasusuw akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa a ebia wubenya ho? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ ɔkwampa a wubetumi afa so anya Nkaedi ho dwumadi ahorow a ɛbɛkɔ so wɔ saa ɔsram no mu no mu kyɛfa. MPREMPREN ne bere a ɛsɛ sɛ woyɛ ho nhyehyɛe!
8 Esiane mmere a emu yɛ den yi ne asɛm a ɛho hia a yekura no nti, ɛho hia sɛ ‘yɛyɛ honhom mu hyew’ bere a yɛhyɛ afoforo nkuran ma wobehu Onyankopɔn ne n’Asɛm no. Ɛdenam nsiyɛ a yɛde trɛw Bible mu nimdeɛ a ɛma nkwa a ɛwɔ Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma no nhoma horow mu na yɛto nsa frɛ afoforo ne wɔn yɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe no so no, yɛma ɛda adi sɛ yɛwɔ asɛm a ɛho hia kɛse ne nhoma horow no ho anisɔ. Kae sɛ nhoma horow yi ka nhoma biara a wɔde mema nnipa pii sen biara wɔ wiase no ho. Nokwarem no ɛne nhoma a ɛho wɔ mfaso sen biara a wotintim. Enti ɛfata sɛ yɛde nsiyɛ ne anigye de mema afoforo.
9 Bisa wo ho sɛ: “So meyɛ nsi wɔ nnwuma pa mu? So asɛnka adwuma no mu kyɛfa a minya no yɛ nea wobetumi aka ho asɛm sɛ atu mpɔn na efi ɔkra nyinaa mu?” Wo mmuae no bɛma woahu sɛnea wo mmɔdenbɔ te. Dodow a yenya kyɛfa wɔ nimdeɛ a ɛma nkwa no mu trɛw mu no, dodow ara na wɔn a wohu sɛ yɛyɛ nnipa a ‘yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden’ no bɛdɔɔso.—Tito 2:14.