Yɛn Nnamyɛ Wɔ Ɔsom Adwuma Mu a Yebekura
1 Bere tenten ahe na wode akura wo nnamyɛ wɔ asɛmpa no ka mu? Mfe anum, du, anaa nea ɛboro saa? Anuanom binom de mfe aduonu, aduasa, anaa nea ɛboro saa aka asɛm no na wɔda so ara reyɛ saa. Dɛn na ɛmma wɔmmrɛ no? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan anantew a n’adwuma a ‘ɔreyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu’ no ka ho?—Yes. 60:22.
DA YEHOWA NNYAMYƐ ADI
2 Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Ahenni adwuma mu no bu wɔn ho sɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo ma ɛfata. (1 Kor. 3:9) Wohu nnam a ɔyɛ wɔ trenee ho no na wosuasua. Yehowa na odii kan kaa asɛmpa no kyerɛe mfe mpempem pii a atwam no mu, na ɔde nnamyɛ ahwɛ sɛ ne nkurɔfo bɛbɔ ho dawuru. (Gal. 3:8) Wɔ bere a etwa to wɔ adesamma abakɔsɛm mu yi mu mpo no, ɛnyɛ nea Yehowa ani nnye n’Ahenni atirimpɔw no ho bio, mmom no, “Yehowa ankasa nnamyɛ” bɛma nea wahyɛ ho bɔ nyinaa abam, a wiase nyinaa Ahenni adansedi adwuma a wɔkaa ho asɛm siei no ka ho.—Yes. 9:7, NW; Mat. 24:14.
3 Ɛmfa ho sɛ bere tenten ahe na yɛde aka asɛm no, yebetumi akura nnamyɛ a ɛte sɛ Onyankopɔn de no mu denam Ahenni nokware no a yɛbɛkɔ so ama atra yɛn adwene mu no so. Ɛdenam Bible no sua so no, yenya ne honhom, a ɛyɛ Yehowa honhom no. Eyi bɛma yɛakɔ so ayɛ nnam na yɛde aka n’asɛm no.—Rom. 12:11, 12; Efe. 6:1.
SUSUW YESU HO YIYE
4 Yehowa maa ne Ba, Yesu Kristo, bɛyɛɛ ɔsomfo a ɔyɛ nnam ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Yesu kuraa ne nnamyɛ no mu kosii n’asase so asetra awiei a ɛyɛ yaw nanso nkonimdi wom no mu. Hebrifo 12:2, 3 kyerɛ ade biako a ɛboaa Yesu ma ɔkɔɔ so gyinaa pintinn no. Ɛyɛ akatua a na ɛda n’anim no. Wonte nnamyɛ kɛse nka bere a wususuw anidaso a ɛyɛ anigye a Yehowa de asi w’anim no ho no? Kae, ɛnyɛ bere tenten a yɛde ayɛ nnam no na ɛbɛma yɛanya daa nkwa akatua a ɛyɛ anigye no, na mmom, gyina a yebegyina mu akodu awiei no.—Mat. 24:13.
5 Yehowa adwuma a yɛyɛ no ankasa betumi ama yɛayɛ nnam kɛse. Susuw Yesu nhwɛso a wɔada no adi wɔ Yohane ti 4 no ho. Ná w’abrɛ. Ná ohia ahomegye, aduan, ne nsu. Asuafo no kɔɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔtɔ aduan, nanso bere a wɔsan bae no, na ɛnte sɛ nea ɔkɔm de wɔn wura no bio anaasɛ wabrɛ. Dɛn na ɛhyɛɛ no den ma ɔsan nyaa ahoɔden foforo no? Ɛyɛ osuahu a ɛyɛ anigye a onyae wɔ Onyankopɔn som adwuma mu no.
NHOMA A YƐDE REMA MPREMPREN
6 Yɛde nhoma abien a ɛne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ne “Let Your Kingdom Come” no bɛma wɔ June mu. Ɛwom sɛ yɛtaa hyia nnipa a wɔyɛ asɔretiafo, wɔn a wonnye asɛm no ntom ntɛm, anaasɛ wɔn a wɔyɛ anibiannaso wɔ Onyankopɔn ne Bible no ho de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma eyi bu yɛn aba mu. Ebia asɛm a ɛyɛ anigye a emu yɛ hyew a yɛbɛka no bɛboa eyinom mu binom ma wɔahu tumi a Onyankopɔn Asɛm no wɔ wɔ wɔn a wogye tom so no. (Heb. 4:12) Ma wonhu sɛ yɛn ani begye ho sɛ yɛne wɔn besua Onyankopɔn Asɛm a ahoɔden wom no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betumi ‘anya nkwa’ na ‘wɔaka Yah nneyɛe akyerɛ.’—Dw. 118:15-17.
7 Yɛwɔ ahotoso sɛ bere a yekura yɛn nnamyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu mu no, Yehowa a ɔyɛ nnamyɛ fibea no behyira yɛn mmɔdenbɔ wɔ biakoyɛ mu wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ June mu no so kɛse.