Wobɛsuasua Yehowa ne Yesu na Woabɔ Nnwuma Pa Ho Mmɔden Nkaedi Bere Yi?
1. Sɛ ɛdu Nkaedi bere a, dɛn na Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ?
1 Yehowa reyɛ adwumaden ama n’atirimpɔw aba mu. Yesaia 9:7 ma yɛhu nneɛma bi a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ, na ɛka sɛ: “Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.” Bere a Onyankopɔn Ba no wɔ asase so no, ɔno nso daa no adi sɛ ɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden. (Yoh. 2:13-17; 4:34) Afe biara sɛ ɛdu Nkaedi bere a, adawurubɔfo mpempem a wɔwɔ wiase afanan nyinaa suasua Yehowa ne Yesu na wɔde nsi ne ahokeka yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Wo nso ɛ? Wobɛtu wo ho ama ayɛ pii anaa?
2. Ɛfi March 7 rekɔ no, dɛn na yɛbɛyere yɛn ho ayɛ?
2 Nkaedi Nsato Krataa: Afe yi, yɛbɛfi ase akyekyɛ Nkaedi nsato krataa no Memeneda, March 7. Fi ase siesie wo ho na woatumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Asafo biara de nsi ne ahokeka bɛyɛ wɔn asasesin mu adwuma fekɔfekɔ. Enti momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛto nsa afrɛ yɛn Bible asuafo, abusuafo, yɛn adwumayɛfo ne sukuufo, yɛn nnamfo ne anigyefo nyinaa. Ma wɔn nsato krataa no bi anaa ma wɔnkɔ jw.org.
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma mu March ne April?
3 Akwampaefo Aboafo Adwuma: Sɛ yɛsi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden a, ɛnneɛ yɛbɛyɛ nea yɛbɛtumi biara atrɛ yɛn som adwuma mu. March ne April mu no, sɛ yɛpɛ a, yɛbɛtumi de nnɔnhwere 30 ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no. Enti yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛn mu bebree bɛyɛ bi. Sɛ moreyɛ abusua som anaa w’ankasa adesua a, susu ho hwɛ sɛ wobɛtumi de wo ho ahyem anaa. (Mmeb. 15:22) Nea wobɛyɛ wɔ ho no bɛtumi aka afoforɔ ma wɔn kɔn adɔ sɛ wɔbɛyɛ bi. Sɛ wototo wo nneɛma yie, na wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ pii a, na woresuasua Yesu.—Mar. 6:31-34.
4. Sɛ yɛsuasua Yehowa ne Yesu na yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden a, dɛn na ɛbɛfi mu aba?
4 Sɛ yɛsuasua Yehowa ne Yesu na yɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden wɔ Nkaedi bere mu a, yɛbɛnya nhyira pii. Yɛbɛnya hokwan ne nnipa pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu no abɔ nkɔmmɔ. Ampa, sɛ yɛyi yɛn yam som Yehowa na yɛboa afoforɔ a, anigye ne akomatɔyam remmɔ yɛn. (Aso. 20:35) Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛbɛnya Onyankopɔn ne ne Ba no anim dom.