Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/14 kr. 2
  • Ma Nkaedi Bere Yi Nyɛ Anigye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nkaedi Bere Yi Nyɛ Anigye!
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛ Nhyehyɛe Seesei sɛ Wobɛyɛ Pii Wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Wobɛyɛ Ɔkwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nkaedi Bere—Hokwan a Yɛde Bɛyɛ Pii!
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 2/14 kr. 2

Ma Nkaedi Bere Yi Nyɛ Anigye!

1. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama w’ani agye paa wɔ Nkaedi bere yi mu?

1 Wopɛ sɛ w’ani gye paa wɔ March, April, ne May mu? Ade biako a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no pii, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, woayɛ akwampaefo boafo. Dɛn nti na eyi bɛma w’ani agye?

2. Dɛn nti na yɛyɛ asɛnka adwuma no pii a, ɛma yɛn ani gye?

2 Yɛ Pii Ma W’ani Nnye: Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛnsom no mma yɛn ani nnye na yɛn koma ntɔ yɛn yam. (Mat. 5:3) Afei nso, sɛnea ɔyɛɛ yɛn no nti sɛ yɛyɛ afoforo papa a, ɛma yɛn ani gye. (Aso. 20:35) Asɛnka adwuma no ma yenya hokwan som Onyankopɔn na ɛma yɛboa nkurɔfo nso. Enti, yɛka sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma pii a ɛma yɛn ani gye a, ntease wom. Afei nso, dodow a yɛka asɛm no, dodow no ara na yɛn ho kokwaw. Sɛ yɛn ho kokwaw a, ɛma yenya ahotoso na eyi ehu fi yɛn mu. Bio nso, ɛbɛma yɛanya hokwan pii adi adanse na yɛafi Bible adesua ase. Eyinom nyinaa ma yɛn ani gye paa wɔ asɛnka mu.

3. Dɛn nti na March ne April yɛ asram a eye paa ma akwampaefo aboafo adwuma?

3 March ne April yɛ asram a eye paa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo, efisɛ yebetumi akyerɛ sɛ yɛde nnɔnhwerew 30 anaa 50 bɛyɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, yebenya hokwan de anigye ato nsa afrɛ afoforo ma wɔaba Nkaedi no bi; yebefi ase Memeneda, March 22 na yɛbɛyɛ akosi Nkaedi da, Dwoda, April 14. Asafo ahorow no de anigye ne ahokeka bɛyɛ wɔn asasesin no fã kɛse no ara mu adwuma bere a anuanom pii de “mmati koro” kyekyɛ nsato krataa no.​—Sef. 3:9.

4. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Fi Ase Yɛ Ho Nhyehyɛe: Sɛ wonyɛɛ nhyehyɛe biara a, ɛnde hwɛ sɛ ebia wubetumi ayɛ nsakrae na wode ɔsram biako anaa nea ɛboro saa ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu anaa. Afei bɔ ho mpae. (Yak. 1:5) Wo ne w’abusua nsusuw ho na wo ne afoforo nso mmɔ ho nkɔmmɔ wɔ asafo no mu. (Mmeb. 15:22) Sɛ wunni apɔwmuden anaa wode wo bere nyinaa yɛ adwuma mpo a, wo nso wubetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi ama w’ani agye.

5. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no pii wɔ Nkaedi bere a ɛreba yi mu a, dɛn na ebefi mu aba?

5 Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ani gye. (Dw. 32:11) Enti Nkaedi bere a ɛreba yi, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu a, yɛn ani begye paa, na yɛn soro Agya no nso ani begye.​—Mmeb. 23:24; 27:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena