Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/07 kr. 3-5
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 2/07 kr. 3-5

Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ

1. Dɛn na ɛka yɛn ma yɛka Yehowa nneyɛe pa kyerɛ?

1 “Wo [Yehowa, NW] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo.” (1 Be. 29:11) Ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn dɛn? Ɛka yɛn ma ‘yɛka nea ɔfrɛɛ yɛn fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no nneyɛe pa kyerɛ.’ (1 Pet. 2:9) Yɛbɛkɔ so aka yɛn Nyankopɔn kɛse no ho asɛm akyerɛ afoforo! Yebenya hokwan kɛse de aka Yehowa nneyɛe pa akyerɛ wɔ March, April, ne May asram no mu.

2. Ɔsatu titiriw bɛn na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ yɛmfa mmɔ Nkaedi no ho dawuru, na henanom na wobetumi ayɛ bi?

2 Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛbɔ Nkaedi no Ho Dawuru: Wɔ Dwoda, April 2 no, yɛbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã de ada Yehowa nneyɛe pa adi. Efi March 17 kosi April 2 no, yɛbɛkyekyɛ krataa titiriw bi a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba adeyɛ a ɛho hia yi ase wɔ wiase nyinaa. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ mu yiye. Eyi yɛ bere pa a wɔn a wɔyɛ foforo a wɔfata no betumi afi asɛnka ase. Sɛ wowɔ Bible asuafo anaa mmofra a ebia wɔfata a, wo ne asafo mu mpanyimfo no nka ho asɛm.

3. Dɛn na yebetumi aka de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase?

3 Ɔsatu a yɛbɛyɛ yi te sɛ nea yɛyɛe wɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no ho no. Wɔde krataa a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo yi bi dodow a ɛsɛ bɛmena asafo ahorow nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdawurubɔfo biara betumi anya 30 na ɔkwampaefo biara anya 100. Ma w’asɛm nyɛ tiaa. Wubetumi aka sɛ: “Mede krataa yi reto nsa afrɛ wo aba adeyɛ titiriw bi a yɛyɛ no afe biara no ase. Yɛn ani begye sɛ wobɛba. Ɛho nsɛm wɔ krataa yi so.” Sɛ ofiewura no wɔ nsɛmmisa bi a, gye bere fa kyerɛkyerɛ no mu. Wubetumi de asɛm a ɛfa Awurade Anwummeduan ho a ɛwɔ nkekaho a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu a efi ase wɔ kratafa 206 no ayɛ saa. Wɔ nnawɔtwe awiei no, yɛde nsɛmma nhoma a aba foforo ne krataa titiriw a yɛde reto nsa afrɛ afoforo no bɛkɔ asɛnka. Hyɛ wɔn a wɔbɛkyerɛ ho anigye no nsow, na yɛ nhyehyɛe san kɔ wɔn nkyɛn.

4. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akyekyɛ krataa titiriw a yɛde bɛto nsa afrɛ afoforo aba Nkaedi no ase?

4 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛde krataa titiriw yi ma obiara a yɛbɛkɔ akɔto no. Enti monyɛ wɔn a monto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ, na monyɛ nhyehyɛe nsan nkɔ hɔ bere foforo. Aka nnawɔtwe ma yɛayɛ Nkaedi no, asafo ahorow a wɔda so ara wɔ krataa titiriw yi pii no betumi agyaw bi ama wɔn a wɔnto wɔn wɔ fie no. Hwɛ sɛ wobɛma wɔn a wokɔ wɔn hɔ sankɔhwɛ, Bible asuafo, wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma, afipamfo, ne amannifo afoforo nso nsa aka bi.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yefi ase nnɛ yɛ ahoboa sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi?

5 Akwampaefo Aboafo Adwuma: Wubetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ March, April, ne May mu de aka Yehowa nneyɛe pa ho asɛm akyerɛ? Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ wo nhyehyɛe mu. (Efe. 5:15-17) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wobɛyɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu no bɛma woanya anigye ne Yehowa nhyira. (Mmeb. 10:22) Esiane sɛ Nkaedi bere no rebɛn nti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wufi ase yɛ ahoboa.—Mmeb. 21:5.

6. Dɛn na yebetumi asua fi onuawa a wadi mfe 90 a ɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi afe a etwaam no hɔ?

6 Onuawa bi a wadi mfe 90 nyaa hokwan yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi afe a etwaam no. Ɔkae sɛ: “Ɛwom sɛ m’ani gye mfikyifuw yɛ ho paa, na na mepɛ sɛ mifi ase duadua nneɛma, nanso mihui sɛ ɛsɛ sɛ mede nneɛma a ɛho hia paa di kan. Esiane sɛ na mepɛ sɛ mede Ahenni nneɛma di kan nti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ March mu.” So wohyiraa ne mmɔdenbɔ no so? Ɔka sɛ, “Mete nka sɛ mabɛn asafo no paa, na ama mabɛn Yehowa kɛse.” So yebetumi ahwehwɛ nneɛma a ehia yɛn paa no mu ahwɛ na yɛayɛ nsakrae a ehia saa ara?

7. So ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi?

7 Ebia sɛnea wususuw sɛ ɛyɛ den sɛ wubetumi anya nnɔnhwerew 50 a ɛsɛ sɛ akwampaefo aboafo nya no nte saa koraa. Fa mpaebɔ susuw nneɛma a woyɛ no daa no ho, yɛ nhyehyɛe, na afei kyerɛw to hɔ. Wo na wunim sɛnea wo nsɛm tebea te. Sɛ wunni ahoɔden pii a, ebia wubetumi de nnɔnhwerew kakra ayɛ asɛnka adwuma no da biara. Sɛ w’adwuma gye wo bere pii anaa wokɔ sukuu a, wubetumi akɔ asɛnka anwummere anwummere anaa nnawɔtwe awiei de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi.

8. Dɛn na ɛboaa awarefo bi ma wotumi yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi?

8 Nnipa pii atumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi sɛ abusua. Wɔ mfe a atwam no mu no, awarefo bi twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn ho behyem efisɛ na wosusuw sɛ wɔn tebea remma wɔn kwan mma wɔnyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Wɔkae sɛ: “Yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn ma yentumi nyɛ nea yefi bere tenten abɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ no.” Wɔyɛɛ nhyehyɛe pa ma wotumi duu wɔn botae no ho. Wɔtoaa so sɛ: “Ná ɛyɛ anigye paa. Yenyaa nhyira pii. Nea yɛbɛka ara ne sɛ, wo nso sɔ hwɛ. Sɛ yɛatumi ayɛ a, ebia wo nso wubetumi ayɛ.”

9. Dɛn na mubetumi ayɛ wɔ mo abusua adesua a edi hɔ no mu de ayɛ ahoboa ama dwumadi titiriw a yɛbɛyɛ wɔ asram a ɛreba no mu?

9 Dɛn nti na munnyi bere nsi hɔ wɔ mo abusua adesua a edi hɔ no mu mfa nsusuw sɛnea mo nyinaa betumi ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu ho wɔ asram a ɛreba no mu? Sɛ abusua mũ no nyinaa ntumi nyɛ akwampaefo aboafo adwuma no a, ebia abusua no mufo betumi aboa mo mu baako ma wayɛ. Sɛ ɛnte saa a, ebia mo abusua no betumi de botae bi asi mo ani so sɛ mode bere pii bɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ asram titiriw yi mu.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ Nkaedi bere yi mu no ho asɛm kyerɛ afoforo?

10 Mommoa Mo Ho Mo Ho: Anigye tumi san afoforo. Ka ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi betumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔn nso wɔayɛ bi. Bio nso, wɔn a wɔayɛ bi bere a atwam no betumi ama wo nyansahyɛ a ɛbɛboa wo ma woatoto wo nneɛma yiye, na woayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi adu wo botae ho. (Mmeb. 15:22) Sɛ wubetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi a, adɛn nti na wonto nsa mfrɛ ɔdawurubɔfo foforo a ebia ne nsɛm tebea te sɛ wo de no ma ɔmmɛka wo ho mma monyɛ adwuma a ɛyɛ anigye yi?

11. Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ de ahyɛ afoforo nkuran ma wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi wɔ asram a ɛreba no mu?

11 Asafo mu mpanyimfo pii yɛ nhyehyɛe a ɛfata de wɔn ho hyɛ dwumadi titiriw yi mu. (Heb. 13:7) Eyi hyɛ asafo no nkuran ankasa! Mpanyimfo no nso nam nkɔmmɔ a wɔne afoforo bɔ so hyɛ wɔn nkuran. Ebia nea ɛbɛka ebinom ma wɔatumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi ara ne asɛm a ɛhyɛ nkuran tiawa anaa nyansahyɛ a mfaso wɔ so a wɔbɛka akyerɛ wɔn. Ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛyɛ nhyehyɛe foforo aka asɛnka nhyiam nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ dedaw no ho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi de ne ho ahyɛ kuw adansedi mu bere a wɔapɔn adwuma anaa sukuu no mpo. Ɛsɛ sɛ ɔtaa ka nhyehyɛe yi ho asɛm. Ɔbɛhwɛ nso sɛ obiara benya asasesin a ne kɛse fata, ne nhoma a ɛdɔɔso.

12. Sɛ wuntumi nyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi a, dɛn na wubetumi ayɛ?

12 Sɛ wo tebea mma wo kwan mma wonyɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi mpo a, wubetumi ahyɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no nkuran, na wubetumi abɔ mpae nso ama wɔn. (Mmeb. 25:11; Kol. 4:12) Ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne wɔn akɔ asɛnka da biako aka ho wɔ nnawɔtwe no mu anaa wubetumi akyɛ wɔ asɛnka mu asen sɛnea woyɛ daa no.

13. Botae bɛn na wɔde asi anuanom a wɔwɔ Ghana no ani so, na dɛn na w’asafo no betumi ayɛ de aboa ama moadu ho?

13 Yɛpɛ Akwampaefo Aboafo 12,000 wɔ April Mu: Wɔ April 2000 mu no, Ghana Betel adwumayɛbea no bɔɔ akwampaefo aboafo dodow nkɔanim a ɛsen biara 7,117 ho amanneɛ. Enti botae a yɛde asi yɛn ani so wɔ April a ɛreba mu no ne sɛ, yɛpɛ sɛ yenya akwampaefo aboafo dodow 12,000. Sɛ asafo biara mu adawurubɔfo 6 biara mu 1 pɛ yɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi a, yebetumi adu botae yi ho. Nokwarem no, asafo ahorow bi mpo benya adawurubɔfo a wɔboro saa a wɔn tebea bɛma wɔn kwan ma wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma yi bi. Ɛrenyɛ den mma asafo dodow no ara sɛ wobedu botae a ɛte saa ho. Hwɛ sɛnea eyi bɛma anigye aba w’asafo mu ne nkɔso a mubenya wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ mo asasesin mu!

14. Dɛn nti na April yɛ ɔsram a eye paa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no?

14 Dɛn nti na April yɛ ɔsram a eye paa a yebetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no? Yɛbɛyɛ Nkaedi no wɔ ɔsram no mfiase, na ɛbɛma yɛanya hokwan pii akɔ wɔn a wɔbae no nkyɛn sankɔhwɛ. Yɛde nsɛmma nhoma bɛma saa bere no, a yɛn botae ne sɛ yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma bere a yɛrekɔyɛ sankɔhwɛ no na yɛafi Bible adesua ase. Enti, akwampaefo aboafo adwuma a yɛbɛyɛ wɔ April mu no bɛma yɛanya hokwan pii afi Bible adesua ase. Kwasida anum ne dapɔnna biako na ɛwɔ April mu, na eyi bɛma ayɛ mmerɛw ama adwumayɛfo ne sukuufo sɛ wɔbɛyɛ bi.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ Nkaedi bere a ɛreba no mu?

15 Afe biara a yebewie Nkaedi no, ɛma yɛbɛn wiase bɔne yi awiei paa. Bere a aka a yɛde bɛka yɛn Nyankopɔn kɛse no ho asɛm akyerɛ afoforo no sua. (1 Kor. 7:29) Sɛ Nkaedi bere yi twam a, yɛrennya hokwan soronko a ɛte saa afe yi mfa nyi yɛn soro Agya no ayɛ bio. Momma yɛnyɛ ahoboa seesei nyɛ nea yebetumi biara wɔ March, April, ne May mu mfa nka Yehowa nneyɛe pa nkyerɛ!

[Kratafa 4 adaka]

So Yebetumi Anya Akwampaefo Aboafo 12,000 wɔ April Mu?

◼ Hwehwɛ nneɛma a ehia wo paa no mu hwɛ

◼ Munsusuw mo botae ho sɛ abusua

◼ Ka wo nhyehyɛe ho asɛm kyerɛ afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena