Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/83 kr. 3
  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HEFO NA WOBETUMI AYƐ AKWAMPAEFO ABOAFO
  • AKWAMPAEFO ABOAFO OSUAHU AHOROW
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Monka Yehowa Nneyɛe Pa Nkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 3/83 kr. 3

So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?

1 Ɛfata sɛ yɛbɔ “ayeyi afɔre” ma Yehowa Nyankopɔn bere nyinaa. (Heb. 13:15; Dw. 44:8) Eyi te saa titiriw wɔ bere a yɛhyɛ yɛn Awurade wu Nkae ho fa no. (2 Kor. 5:15, 16; 6:1) So wubetumi ama ayeyi a wode ma Yehowa no adɔɔso denam akwampaefo boafo adwuma a wobɛyɛ wɔ April mu no so?

2 Afe biara anuanom pii de hokwan no yɛ akwampaefo boafo adwuma April mu. Eyi ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ anisɔ titiriw ama nea Yehowa Nyankopɔn ayɛ ama yɛn ne nea Yesu Kristo yɛe na ɔda so ara reyɛ ama yɛn no. (Dw. 145:1, 11, 21) April yɛ ɔsram a wubetumi de bere pii ayɛ asɛnka adwuma. Afei nso wɔ April mu no, yɛn mu pii nya bere a yɛmfa nkɔ adwuma ne sukuu esiane wiase no nnapɔnna no nti.

3 Wɔ April 1969 mu bere a na adawurubɔfo 12,000 pɛ na wɔwɔ Ghana no, akwamma akwampaefo (sɛnea na wɔfrɛ akwampaefo aboafo saa bere no) a na wɔn dodow sen biara a wɔyɛ 1,976 buu akontaa. Ná ɛno yɛ nea ɛboro adawurubɔfo no ɔha biara mu 16 so. So yebetumi ayɛ saa bio 1983 mu, mprempren a yɛanya adawurubɔfo bɛyɛ 10,000 abɛka yɛn ho a wobu akontaa yi? Saa bere no mu no na wɔhwehwɛ sɛ wobenya nnɔnhwerew 100 ɔsram biako anaa nnɔnhwerew 75 adapɛn abien. Mprempren de wɔ ɔsram no nyinaa mu no wɔhwehwɛ nnɔnhwerew 60 pɛ. Yɛpɛ sɛ wɔka wɔ yɛn ho sɛ: “Wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no,” na ɛnyɛ sɛ “Woagyaw wo kan dɔ no.” (Adi. 2:4, 19) Enti momma yɛn nyinaa nhwehwɛ yɛn tebea horow mu nhwɛ, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛnyɛ akwampaefo aboafo April mu. Susuw Yehowa ho adanse kɛse ara a anka yebedi afe yi no ho, sɛ anyɛ yiye koraa no ɔha biara mu du, bɛyɛ yɛn mu 2300 yɛ akwampaefo aboafo April mu a!

HEFO NA WOBETUMI AYƐ AKWAMPAEFO ABOAFO

4 Bisa wo ho sɛ, “So metumi ayɛ akwampaefo boafo?” Akyinnye biara nni ho sɛ woasusuw ho pɛn. So wode wo ho ahyɛ adwuma yi mu pɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ anuanom pii a wɔwɔ tebea horow a ɛte sɛ wo de no mu asom sɛ akwampaefo aboafo. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ebia wo nso wubetumi ayɛ.​—Fil. 4:13.

5 Nneɛma a wɔhwehwɛ na ama obi atumi ayɛ bi no nyɛ den. Sɛ wubetumi ayɛ a, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wagye asubɔ na obu bra pa na ɔwɔ din sɛ Kristoni a ɔyɛ nhwɛso. Ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛe nso a ebetumi ama wode nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa ayɛ asɛnka adwuma wɔ ɔsram no mu. Sɛ wofata a, dɛn nti na wunnye ɛho akwammisa krataa, nhyehyɛ na womfa mma ɔsom adwuma boayikuw a wɔwɔ w’asafo mu no? April yɛ bere titiriw a eye a wɔde yɛ akwampaefo aboafo adwuma. Adawurubɔfo nkumaa a wɔda so ara kɔ sukuu betumi de hokwan a wonya wɔ wiase no “Easter” akwamma bere mu no ayɛ asɛnka adwuma. Sɔ hwɛ. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ wubehu sɛ ɛyɛ anigye na ɛkanyan obi wɔ honhom mu nso.

AKWAMPAEFO ABOAFO OSUAHU AHOROW

6 So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo? So wobɛyɛ wɔn mu biako? Eyinom yɛ nsɛm a wɔrebisa wo a ɛsɛ sɛ wubua. Na mpem ɔhaha pii a wɔayɛ bi no osuahu ahorow da no adi kɛse sɛ afoforo pii betumi ayɛ bi wɔ afe no mu.

7 Onuawa bi a ɔwɔ United States kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ mekyerɛ m’ani a ɛsɔ akwampaefo boafo nhyehyɛe no. Ɛwom sɛ mede me bere nyinaa yɛ honam fam adwuma de, nanso minyaa honhom mu nkɔso sɛ mesomee sɛ akwampaefo boafo. Mihui sɛ asɛnka adwuma fi 5-7 p.m yɛ anigye kɛse efisɛ metoo nkurɔfo pii wɔ fie na mitumi ne wɔn kasae, sɛ ɛyɛ nea ɛtɔ bere bi a ɛyɛ tiaa mpo a. Afei nso, m’ani gyei sɛ mifii Bible adesua ase! Anuanom boae kɛse, na ɛyɛɛ m’anigye sɛ me ne anuanom afoforo pii yɛɛ adwuma wɔ ɔsram no mu. Mehwɛ kwan sɛ menya mfaso afi nsiesiei fɛfɛ yi mu bio.”

8 Wɔ asafo ahorow pii mu no, ɛtɔ bere bi a mpanyimfo kuw no nyinaa yɛ akwampaefo aboafo de yɛ nhwɛso. Wɔ asafo biako a mpanyimfo kuw no yɛɛ eyi mu no, wɔn yerenom nso bɛkaa wɔn ho. Saa na asafo mu asomfo no pii ne wɔn yerenom yɛe. Bere a wɔde nkaebɔ yi too asafo no anim no, adawurubɔfo afoforo 26 nso yɛɛ akwampaefo aboafo ɔsram koro no ara mu. So wubetumi ahu anigye ara a anuanom 53 yi nyae wɔ asɛnka adwuma no mu no? Wɔn nhwɛso no maa asafo no honhom mu yiyedi nyaa nkɔso, na nneɛma pa fii mu bae wɔ ɛno akyi asram pii. Na hwɛ anigye ara a na ɛyɛ ma asafo biako wɔ Accra, bere a December a etwaam no wɔn adawurubɔfo 81 no mu 51 yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no!

9 So wobɛyɛ akwampaefo boafo April mu? Susuw wo tebea horow no ho wɔ mpaebɔ mu. Eyi mu no, tie Paulo afotu no: “Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.”​—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena