Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 6
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 13
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 20
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 27
Yɛn Ahenni Som—1983
km 3/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MARCH 6

Dwom 39

5 min: Nnianim ne asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛreba yi a ɛyɛ Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram mu no.

20 min: “So Yebetumi Aboa Pii Ma Wɔaba Ase?” Ma onua a onim akenkan yiye a wode ahyɛ ne nsa nkenkan nkyekyem ahorow no. Bere a wakenkan nkyekyem biara akyi no, wo ne atiefo nsusuw sɛnea kyerɛw nsɛm a edidi so yi fa nsɛm a ɛwɔ nkyekyem mu no ho. Nkyekyem 1​—Adi. 5:13. Nkyekyem 2​—1 Kor. 11:27. Fa March 1 ne April 1, 1982 Ɔwɛn-Aban no bra na munsusuw nsɛm a moapaw a mubetumi de adi dwuma ho. Nkyekyem 3​—Gal. 1:19; Yuda 1; Aso. 1:14. Nkyekyem 4​—Aso. 20:35. Nkyekyem 5​—Rom. 15:1, 2, Nkyekyem 5​—Heb. 10:24, 25.

15 min: “So Wobɛyɛ Akwampaefo Boafo April Mu?” Nsemmisa ne mmuae.

5 min: Osuahu biako anaa abien fi akwampaefo aboafo anaa daa akwampaefo hɔ a ɛbɛkanyan afoforo ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ bi.

Dwom 63 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 13

Dwom 83

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika akontaabu.

15 min: Bobɔ nsɛm a ɛfa abusuafo a yɛbɛboa wɔn ma wɔaba ɔkasa titiriw ne Nkaedi no ase ho no so tiaa fi asɛm “So Yebetumi Aboa Pii Ma Wɔaba Ase” no nkyekyem 3. Atiefo baahe na wɔwɔ abusuafo a wɔyɛ Adansefo a wɔagye asubɔ? Atiefo baahe na wɔn na wɔboaa saa abusuafo no ma wobehuu nokware no? Bisa ebinom ma wɔnka wɔn osuahu nkyerɛ. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛkyerɛ ɔdawurubɔfo a ɔde anifere rekasa akyerɛ obusuani wɔ hia a Nkaedi no ho hia ho. Kyerɛ obusuani no nnipa dodow a wɔbaa ase afe a etwaam wɔ nsase 205 so. (6,252,787) Ɔde nsaano krataa di dwuma de to nsa frɛ no ba ɔkasa titiriw ne Nkaedi no ase. Obusuani kyerɛ anisɔ. Sɛnea bere ma kwan no, ka osuahu ahorow a efi yb71 mu nkr. 228, 278-9, 317 a ɛfa abusuafo a wɔto nsa frɛ wɔn ba nhyiam horow ase ho no kyerɛ.

20 min: “Ɛda a Ɛho Hia Titiriw wɔ 1983 Mu.” Ɔpanyin di ho dwuma. Ma obi a ɔyɛ ɔkenkanfo pa nkenkan nkyekyem ahorow ne kyerɛw nsɛm ahorow no. Ma onni kan nkenkan nkyekyem no na munsusuw emu nsɛm ho, bere a mode kyerɛw nsɛm a edidi so yi di dwuma sɛnea bere ma kwan no. Bere a moakenkan kyerɛw nsɛm akyi no ma atiefo mfa kyerɛwsɛm no ntoa nsɛm a ɛwɔ nkyekyem mu no mu. Nkyekyem 1​—Mat. 26:14. 15; 1 Pet. 1:18, 19. Nkyekyem 2​—Luka 22:19. Nkyekyem 3​—Mmeb. 4:20, 21. Nkyekyem 4​—1 Pet. 2:21-25. Nkyekyem 5​—Lev. 23:4, 5; 1 Kor. 5:7. Nkyekyem 6​—Luka 13:24; 1 Kor. 15:58.

5 min: Onua de nhyiam ba awiei denam osuahu a efi w76 kr. 679 mu a ɛfa sɛnea nsa a wɔto frɛ afoforo ba nkaedi ase bɔɔ obi ho ban fii awudi ho na ɔbɛyɛɛ osuani foforo ho a ɔka kyerɛ no so.

Dwom 23 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 20

Dwom 109

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Memeneda a ɛreba yi yɛ Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma da. Bɔ wɔn nkae wɔ anigye so sɛ wonkogye nsɛmma nhoma na wonsiesie wɔn ho mma. Fa “Bible Akenkan ma Nkaedi Dapɛn” ho nkaebɔ ma na ka nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm: “Nyamesom Atemmu Bere” mu ho asɛm tiaa. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi ato nsa afrɛ obi a ɔkra nsɛmma nhoma anaa wɔma no bi daa aba Nkaedi no ase March 29 ne ɔkasa titiriw no ase April 10, ‘wɔ ɔsrɛ mu.’

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Sɛ Akwampaefo Boafo.” Bere a wo ne atiefo asusuw nkyekyem 1 ho no. ma wɔn a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no mma wɔn nsa so. (Wɔ asafo nketewa binom mu no sɛ obiara amma ne nsa so a, bisa wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo bere a atwam no ma wɔnka osuahu ahorow ne sɛnea ɛboaa wɔn ankasa.) So wɔn a wɔmaa wɔn nsa so no bi yɛ mmea awarefo a wɔwɔ mma? Sɛ saa a, bisabisa wɔn nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛbɛma wɔanya nnɔnhwerew 60 wɔ April mu na wɔahwɛ wɔn mma nso. Sɛ ebinom wɔ mma a wɔanyinyin kakra a bisa mmofra no sɛnea wogye di sɛ wobetumi aboa awofo denam fie nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ ɔsram mu no so. So ebinom de mmofra no bɛkɔ asɛnka anaasɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma afoforo ahwɛ mmofra nkumaa no? So wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wobedidi wɔ asɛnka mu awia? Ma ebinom nka dapɛn dapɛn nhyehyɛe a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wobedi akyi nkyerɛ. Munsusuw nkyekyem 3 ho. So ebinom wɔ hɔ a wɔyɛ honam fam adwuma a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma April mu? Dɛn na ɛbɛyɛ wɔn nhyehyɛe? Sɛ ebi nni hɔ a, wo ne atiefo nsusuw sɛnea obi a ɔyɛ honam fam adwuma betumi de nnɔnhwerew 60 aka asɛm no ho. Munsusuw nhyehyɛe a ebia wobetumi ayɛ ho. Kyerɛ sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ April mu. Munsusuw nkyekye 4 ho. So sukuufo mmofra bi wɔ hɔ a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo April mu? Dɛn ne nhyehyɛe a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wobedi akyi? Sɛ sukuufo no mu biara nyɛɛ bi a, munsusuw nhyehyɛe a ebia ɛbɛma ayɛ yiye sɛ sukuuni de nnɔnhwerew 60 bɛka asɛm ho. Kyerɛ nso sɛ daa akwampaefo no bi wɔ hɔ a wɔkɔ sukuu a wɔne wɔn awofo yɛ akwampae adwuma.

13 min: Asemmisa Afã. Di ho dwuma sɛ onua a ɔresiesie obi a ɔne no yɛ ofie Bible adesua ama Nkaedi.

Dwom 25 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 27

Nkaedi dapɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena